Sɛnea Wobɛma Ɛda Biara Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So
“MA YENHU yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.” (Dwom 90:12) Eyi yɛ mpae a Bible kyerɛwfo Mose fii ahobrɛase mu bɔe. Dɛn pɔtee na na ɔresrɛ? So ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi ahobrɛase mu bɔ mpae a ɛte saa ara?
Wɔ nkyekyɛm 10 no, Mose bɔɔ abubuw anaasɛ odii yaw wɔ nnipa nkwa nna a ɛyɛ tiaa no ho. Bere foforo nso, Mose yɛɛ asɛm a Hiob kae yi ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ɛda adi sɛ na nnipa a yɛnyɛ pɛ nkwa nna a etwam ntɛm no ho asɛm haw Mose yiye. Enti, obuu ɛda biara sɛ akyɛde a ɛsom bo. Bere a Mose de n’adesrɛ yi reto Onyankopɔn anim no, ɔkaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔde ne nkwa nna a aka no bedi dwuma nyansam wɔ ɔkwan a ɛbɛsɔ ne Bɔfo ani no ho asɛm. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nna yɛ nneɛma a mfaso wɔ so? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani mprempren a, yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ saa.
Ná ade foforo bi wɔ hɔ a ɛhyɛ Mose ne Hiob nyinaa nkuran, ade a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn nso nkuran. Mmarima baanu a wosuro Onyankopɔn yi nyinaa hwɛɛ akatua bi a ɛbɛba daakye, asase so asetra pa, bi kwan. (Hiob 14:14, 15; Hebrifo 11:26) Saa bere no, owu rentwa obiara nnwuma pa so bio. Yɛn Bɔfo no abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nnipa anokwafo atra ase wɔ paradise asase so daa. (Yesaia 65:21-24; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ ‘wuhu wo nna kan sɛnea ɛbɛma woanya nyansa koma’ a, wo nso wubetumi anya saa anidaso yi bi.