Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 12/1 kr. 32
  • Good News for People of All Nations

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Good News for People of All Nations
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 12/1 kr. 32

Good News for People of All Nations

WOYII nhomawa a ɛwɔ atifi hɔ no adi wɔ afe 2004 ne 2005 “Wo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛe ase. Asɛm tiawa bi a ɛwɔ kasa horow 92 mu, efi Afrikaans kosi Zulu, na ɛwɔ nhomawa no biako a ekura nkratafa 96 mu, na wɔyɛe sɛ ɛbɛboa ma wɔatrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu ma nnipa pii ate. (Mateo 24:14) Nea edidi so yi yɛ osuahu ahorow a sɛ yɛde nhomawa no yɛ adwuma a yenya no bi.

• Bere a Adansefo abusua bi nsa kaa nhomawa no bi wɔ ɔmantam nhyiam ase akyi no, wɔkɔɔ ahomegyebea abiɛsa bi wɔ ɔman no mu. Wohyiaa nnipa a wofi India, Netherlands, Pakistan, ne Philippines wɔ hɔ. Okunu no kae sɛ: “Ɛwom sɛ saa nnipa yi nyinaa ka Engiresi kakra de, nanso bere a yɛde asɛm no a ɛwɔ wɔn ankasa kasa mu kyerɛɛ wɔn no, esiane sɛ na wɔatu kwan afi wɔn kurom aba akyirikyiri asase so nti, wɔn ani gyee ho. Wohui pefee sɛ yɛyɛ yɛn adwuma no wɔ wiase nyinaa na biakoyɛ nso wɔ yɛn mu.”

• Ɔdansefo bi de nhomawa no kyerɛɛ ne yɔnko odwumayɛni bi a ofi India. N’ani gyei sɛ ohuu kasa horow a ɛwom no nyinaa, na ɔkenkan asɛm no wɔ n’ankasa kurom kasa mu. Eyi ma wɔkɔɔ so bɔɔ Bible ho nkɔmmɔ pii. Ɔyɔnko dwumayɛni bi a ofi Philippines ho dwiriw no sɛ ohuu n’ankasa kurom kasa wɔ nhomawa no mu, na n’ani begyee ho sɛ obesua Yehowa Adansefo no ho ade pii.

• Wɔ Canada no, ɔbea bi a ofi Nepal penee so sɛ Ɔdansefo bi ne no nsua Bible wɔ telefon so, nanso na ɔmpɛ sɛ onuawa no ba ne fie. Nanso, bere a Ɔdansefo no kaa nhomawa no a Nepal kasa wom ho asɛm kyerɛɛ ɔbea no, ɔde anigye ka kyerɛɛ onuawa no sɛ ɔmmra ne fie. Na n’ankasa pɛ sɛ ohu asɛm a ɛwɔ ne kurom kasa mu no! Efi saa bere no, wɔakɔ so ayɛ Bible adesua wɔ ɔbea no fie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena