Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 3/15 kr. 32
  • “Ɔyɛe Ara Ma Yɛkɔɔ Hɔ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔyɛe Ara Ma Yɛkɔɔ Hɔ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 3/15 kr. 32

“Ɔyɛe Ara Ma Yɛkɔɔ Hɔ”

WONIM nnipa a wɔwɔ Asia aman mu sɛ wɔbɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden paa. Wɔ India sɛ nhwɛso no, abusua bi betumi de wɔn aduan abɔ afɔre de asom ahɔho a wɔnhwɛ wɔn kwan. Ɛna bi a ɔwɔ Iran de nnuan hyɛ frigye mu bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de asom ahɔho a wɔbɛba ne fie mpofirim no.

Bible ka nnipa pii a wɔdaa ayamye su a ɛte saa adi ho asɛm. Wɔn mu baako a ne nhwɛso da nsow ne Lidia. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ obi a wasakra abɛyɛ Yudani. Ná ɔte Filipi a ɛyɛ kurow titiriw wɔ Makedonia no mu. Eduu homeda bi no, ɔsomafo Paulo ne n’ayɔnkofo akwantufo huu Lidia ne mmea afoforo sɛ wɔahyiam wɔ asubɔnten bi a ɛda Filipi kurotia ho. Yehowa buee ne koma mu ma otiee nsɛm a Paulo kae saa bere no. Eyi ma wɔbɔɔ ɔne ne fiefo asu. Afei ɔsrɛɛ akwantufo no sɛ: “Sɛ moabu me sɛ ɔnokwafo ma Yehowa a, mommɛtra me fie.” Paulo yɔnko dwumayɛni Luka ka sɛ: “Ɔyɛe ara ma yɛkɔɔ hɔ.”—Asomafo Nnwuma 16:11-15.

Ɛnnɛ, Kristofo da ahɔhoyɛ su adi kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo te sɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom sɛnea Lidia yɛe no. Anuanom fi wɔn koma mu gye wɔn kɔ wɔn afie. Anuanom a wɔda ahɔhoyɛ su adi yi nam so ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den, na wɔne wɔn nya Kristofo fekubɔ nso. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo dodow no ara nni bi de, nanso ‘wodi ahɔhoyɛ akyi.’ (Romafo 12:13; Hebrifo 13:2) Ayamye su a wɔda no adi no ma wɔn ani gye. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena