Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 5/15 kr. 32
  • “Awurade, Adɛn Nti na Woyɛɛ Komm?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Awurade, Adɛn Nti na Woyɛɛ Komm?”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 5/15 kr. 32

“Awurade, Adɛn Nti na Woyɛɛ Komm?”

POPE Benedict XVI na ɔkaa asɛm yi bere a ɔkɔhwɛɛ kan nneduaban a ɛwɔ Auschwitz, Poland, wɔ May 28, 2006 mu no. Bere a ɔkɔɔ beae a Nasifo kunkum Yudafo ne afoforo ɔpepem pii no, ɔde kaa ho sɛ: “Eyi ma nsɛmmisa pii sɔre. Nea nkurɔfo taa bisa ne sɛ: Ná Onyankopɔn wɔ he saa bere no? Adɛn nti na ɔyɛɛ komm? Dɛn nti na ɔmaa kwan ma wokunkum nnipa pii saa ma bɔne dii nim? . . . Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de ahobrɛase su frɛ Onyankopɔn daa sɛ: Keka wo ho ɛ! Mma wo werɛ mfi nnipa a wobɔɔ wɔn no!”

Nkurɔfo kaa pope no kasa no ho nsɛm pii. Ebinom kyerɛe sɛ ɔhyɛɛ da gyaw nsɛm bi wom a wanka. Sɛ nhwɛso no, wanka Yudafo a wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ Auschwitz no ho asɛm. Afoforo nso kae sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi bɔne a asɔre no yɛe a Pope John Paul II srɛɛ ho fafiri no ho asodi afi wɔn so. Katolek sɛnkyerɛwfo, Filippo Gentiloni kae sɛ: “Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a wobisaa nsɛnkyerɛwfo asɛm a anoyi yɛ den a ɛfa baabi a na Onyankopɔn wɔ saa bere no ho asɛm no, wɔammua, na mmom wɔn nso bisaa asɛm a ɛho mmuae nyɛ den yi: Ɛhe na na Pius XII wɔ?” Ná nsɛnkyerɛwfo no retwe adwene asi ka a Pope Pius XII anka hwee bere a na wɔrekunkum nnipa pii no so.

Nnipa pii a wɔakunkum wɔn ne mmusua a wɔatɔre wɔn ase wɔ nnipa abakɔsɛm mu nyinaa no da no adi sɛ “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Bio nso adesamma Bɔfo no nyɛɛ komm wɔ aninyanne a akɔ so no ho. Wama yɛahu nea enti a wama abɔnefosɛm ho kwan wɔ Bible no mu. Onyankopɔn ama yɛn awerɛhyem nso sɛ ne werɛ mfii adesamma. Nokwarem no, bere a Onyankopɔn de ama nnipa sɛ wɔmfa nni wɔn ho so no bɛba awiei nnansa yi ara. (Yeremia 10:23) Wobɛpɛ sɛ wuhu Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma yɛn no ho nsɛm pii? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya nsɛmmisa a na ɛhaw Pope Benedict XVI no ho mmuae wɔ Bible mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Oświęcim Museum

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena