Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 6/1 kr. 32
  • Tɛkrɛma wɔ Tumi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tɛkrɛma wɔ Tumi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 6/1 kr. 32

Tɛkrɛma wɔ Tumi

ABOA bi a wɔfrɛ no kɔntenten tɛkrɛma tenten yɛ sɛntimita 45, na ne tɛkrɛma yɛ hare, na ahoɔden wom a otumi de tetew nhaban wɔ dua so. Bonsu tɛkrɛma mu duru ne ɔsono mu duru yɛ pɛ. Wo de, susuw ahoɔden a bonsu hia na ɔde atwe ne tɛkrɛma kɛkɛ no ho hwɛ!

Sɛ wode onipa tɛkrɛma kɛse, emu duru, ne ahoɔden a ɛwom toto saa mmoa yi de ho a, onipa de mmɛn ho hwee. Nanso, onipa tɛkrɛma wɔ tumi kɛse paa. Bible ka nipadua akwaa ketewaa yi ho asɛm sɛ: “Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam.” (Mmebusɛm 18:21) Nokwarem no, so yɛntee no mpɛn pii sɛ wɔde nnipa tɛkrɛma a etumi di awu no adi adansekurum atwa atoro ato nnipa a wɔnyɛɛ bɔne biara so asɛe wɔn anaasɛ ama wɔakum wɔn mpo?

Saa ara nso na nsɛm a wɔka ma epira nnipa no asɛe nkurɔfo a wɔafa nnamfo bere tenten no ntam koraa. Nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔka kyerɛ nkurɔfo ahyɛ ebinom awerɛhow. Hiob a na wɔabɔ no ahohora pii no kae sɛ: “Mobɛhaw me kra akosi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?” (Hiob 19:2) Osuani Yakobo kaa sɛnea tɛkrɛma a wɔnhwɛ no yiye tumi sɛe ade no ho asɛm pefee. Ɔkae sɛ: “Tɛkrɛma no . . . yɛ akwaa ketewa nanso etu ne ho paa. Hwɛ! Ogya ketewaa a etumi hyew kwae mũ! Tɛkrɛma yɛ ogya.”—Yakobo 3:5, 6.

Nanso, tɛkrɛma wɔ tumi nso a etumi gye nkwa. Nsɛm a ɛma awerɛkyekye na ɛda tema adi atumi aboa wɔn a wɔwɔ adwenemhaw ne wɔn a anka wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no mpo. Afotu pa a nnipa pii a wɔnom nnubɔne ne amumɔyɛfo tiei no ama wɔakwati ɔpatuwu. Nokwarem no, ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ “nkwa dua,” na ‘ɛte sɛ sika aduaba a ɛwɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.’—Mmebusɛm 15:4; 25:11.

Nanso, tɛkrɛma a eye sen biara ne nea wɔde yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ, wɔde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa, na wɔde kyerɛkyerɛ afoforo nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Bible mu no. Dɛn nti na eyi te saa? Efisɛ Yesu kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3; Mateo 24:14; 28:19, 20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena