So Na Yesu Wɔ Bible?
DABI, na Yesu nni Bible. Dɛn ntia? Efisɛ, wɔ Yesu bere so no, na wonni Bible mũ no nyinaa sɛnea yɛwɔ bi nnɛ no. Nanso, na wɔwɔ nhoma mmobɔwee ahorow wɔ hyia adan mu, na saa nhoma mmobɔwee no mu nsɛm wɔ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Yesu kenkan Yesaia nhoma mmobɔwee no wɔ Nasaret hyiadan mu. (Luka 4:16, 17) Ɔsomafo Paulo tee sɛ ‘wɔrekenkan Mmara no ne Adiyifo no wɔ baguam’ wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no. (Asomafo Nnwuma 13:14, 15) Na osuani Yakobo kae sɛ wɔkenkan Mose “nsɛm den wɔ hyiadan mu homeda biara.”—Asomafo Nnwuma 15:21.
So na ankorankoro bi wɔ Kyerɛw Kronkron no nhoma mmobɔwee no bi wɔ afeha a edi kan no mu? Ɛda adi sɛ, ná Etiopiani piani a ɔyɛ adwuma wɔ Ɔhemmaa Kandake ahemfie no wɔ bi, efisɛ bere a osuani Filipo kohyiaa no wɔ Gasa kwan so no, na “ɔte ne teaseɛnam mu . . . a ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no.” (Asomafo Nnwuma 8:26-30) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa “nhoma mmobɔwee no, titiriw mmoa nhoma de no” mmrɛ no. (2 Timoteo 4:13) Ɛwom sɛ Paulo ankyerɛ nhoma mmobɔwee ahorow pɔtee a na ɔreka sɛ Timoteo mfa mmrɛ no no de, nanso ebetumi aba sɛ na ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi.
Sɛnea Alan Millard a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Yudafo kasa ho kyerɛ no, “atumfo a wɔwɔ Palestina” na na wɔn ankasa wɔ Kyerɛwnsɛm no bi wɔ Yudafo no mu. Ná “wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nhomanimfo nyinaa, Farisifo no, ne akyerɛkyerɛfo no mu bi te sɛ Nikodemo” wɔ bi. Ɛbɛyɛ sɛ na Kyerɛwnsɛm no bo a ɛyɛ den nti na na nnipa kakraa bi na wɔwɔ bi no. Millard bu akontaa sɛ “na Yesaia nhoma no bo bɛyɛ denari asia kosi du,” na ɔka sɛ “Hebri Bible mũ no nyinaa bɛyɛ nhoma mmobɔwee 15 kosi 20,” anaasɛ na ne bo betumi adu odwumayɛni asram asia akatua.
Bible nka sɛ na Yesu anaa n’asuafo no mu bi wɔ wɔn ankasa Bible a ɛyɛ nhoma mmobɔwee. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye, na na otumi twe adwene si emu nsɛm so anaasɛ na otumi fi ne tirim ka emu nsɛm. (Mateo 4:4, 7, 10; 19:4, 5) Esiane sɛ Bible bo nyɛ den koraa, na obiara nsa tumi ka bi nnɛ nti, so ɛnsɛ sɛ nea Yesu yɛe yi hyɛ yɛn nkuran ma yesua Bible no hu emu nsɛm yiye?