Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 10/15 kr. 16
  • “Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Wɔ Din!
    Nyan!—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 10/15 kr. 16

“Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”

Nicholas a ofi Cusa no na ɔkaa saa asɛm no wɔ ɔkasa bi a ɔmae wɔ afe 1430 mu.a Ná ɔyɛ ɔbarima a n’ani gye nneɛma pii ho, na sɛ nhwɛso no, osuaa Hela, Hebri, nyansapɛ, nyamekyerɛ, akontaabu, ne nsoromma ho ade. Bere a odii mfe 22 no, obenyaa abodin sɛ ɔbenfo wɔ Roma Katolek asɔre mmara mu. Wɔpaw no ɔsɔfopɔn wɔ afe 1448 mu.

Bɛyɛ mfe 550 a atwam mu no, Nicholas a ofi Cusa no sii atrae maa nnipa a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔayɛ ayarefo wɔ Kues a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Bonn anafo fam bɛyɛ kilomita 130 wɔ Germany. Seesei wɔfrɛ hɔ Bernkastel-Kues. Ɛnnɛ, Cusa nhomakorabea a nsaano nkyerɛwee bɛboro 310 wom wɔ saa atrae hɔ. Nsaano nkyerɛwee no mu biako ne Codex Cusanus 220 a emu na ɔkasa a Nicholas a ofi Cusa no mae wɔ afe 1430 mu no wɔ. Wɔ saa ɔkasa a wɔato din In principio erat verbum (Mfiase no na Asɛm no Wɔ Hɔ) mu no, Nicholas a ofi Cusa no de Latin nkyerɛwee Iehoua na egyinaa hɔ maa Yehowa.b Asɛm a edi hɔ yi a ɛfa Onyankopɔn din ho no wɔ nhoma no kratafa 56: “Edin a Onyankopɔn de ama ne ho. Ɛno ne Tetragrammaton, a ɛkyerɛ sɛ, nkyerɛwde anan na wɔde kyerɛw edin no. . . . Eyi ne Onyankopɔn din kronkron kɛse no ampa.” Nicholas a ofi Cusa asɛm no ne nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn din wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mfitiase nkyerɛwee no mu no hyia.—Ex. 6:3.

Saa nhoma a wobuebue mu yi a wɔkyerɛw no wɔ afeha a ɛto so 15 mfiase no ne nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no mu biako a ɛwɔ hɔ a wɔkyerɛw Tetragrammaton no “Iehoua” wom. Saa nsaano nkyerɛwee yi yɛ adanse foforo a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, na wɔtaa kyerɛw Onyankopɔn din no wɔ ɔkwan bi so a ɛne Onyankopɔn din “Yehowa” no di nsɛ mfehaha pii.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ná wɔsan frɛ Nicholas a ofi Cusa no Nikolaus Cryfts (Krebs), Nicolaus Cusanus, ne Nikolaus von Kues. Ná Kues yɛ German kurow a wɔwoo no wom no din.

b Ɔmaa ɔkasa no de taa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no akyi.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Cusa nhomakorabea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena