Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 2/15 kr. 29
  • “Abofra wɔ Hokwan sɛ Ɔte Onyankopɔn Asɛm Ase”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abofra wɔ Hokwan sɛ Ɔte Onyankopɔn Asɛm Ase”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ade A Ehia Na Ama Woate Bible no Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nea Mmofra Hia Fi Awofo Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Mfaso a Ɛwɔ Nneɛma Ho a Wodwennwen So
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 2/15 kr. 29

“Abofra wɔ Hokwan sɛ Ɔte Onyankopɔn Asɛm Ase”

WƆ December 9, 2008 no, Sweden Nteteebea a ɛhwɛ Hokwan a Mmofra wɔ ho nsɛm so yɛɛ nhyiam soronko bi a na n’asɛmti ne “Abofra wɔ Hokwan sɛ Ɔte Onyankopɔn Asɛm Ase.” Akasafo a wɔyɛ Sweden Asɔre, Kristoman mu ɔsom afoforo, Nkramosom, ne kuw bi a wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nnipa nhia Onyankopɔn mmoa no ananmusifo kyerɛɛ wɔn adwene wɔ akwan pii so.

Akasafo no mu biako a ɔyɛ ɔsɔfo kae sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ obi betumi akyerɛ sɛnea Bible mu nsɛm boa mmofra kɛse ma wɔte Onyankopɔn asɛm ase ankasa.” Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm mu nsɛm boa mmofra ma wonya wɔn honhom fam ahiade?

Ɔsɔfo no kae sɛ, “Bible mu nsɛm ma mmofra nya nsɛm bi a wɔn ankasa besusuw ho adwinnwen ho.” Ɔkaa “Adam ne Hawa, Kain ne Habel, Dawid ne Goliat, Yesu awo, towgyeni Sakeo, ɔba hohwini no ho mfatoho, Samariani mmɔborɔhunufo” no ho asɛm. Wɔkae sɛ saa nsɛm yi yɛ “nhwɛsode a ɛho hia a ebetumi akyerɛ [abofra] sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade wɔ nneɛma bi te sɛ apoobɔ, bɔne fafiri, mpata, ɔtan, animguasede, sɛnea wɔne afoforo siesie wɔn ntam, onuadɔ ne ɔdɔ kann ho no mu bi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Saa nsɛm a ɛwɔ Bible mu yi yɛ biribi a obi betumi ahwɛ so de abɔ n’ankasa bra, de ayɛ adwuma, na wanya so mfaso.”

Nokwarem no, eye paa sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔakenkan Bible. Nanso, so mmofra ankasa betumi akenkan Kyerɛwnsɛm no ‘asusuw ho adwinnwen ho’ na wɔate ase yiye?

Mpanyimfo mpo, ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm mu kyerɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, Bible ka ɔbarima bi a ɔno ankasa antumi ‘ansusuw’ Onyankopɔn asɛm ho ‘annwinnwen ho’ ante ase yiye ho asɛm kyerɛ yɛn. Ná saa ɔbarima no yɛ Etiopiani piani. Ná ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no, nanso wante ase. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔte odiyifo no asɛm ase nti, ɔmaa kwan maa osuani Filipo kyerɛkyerɛɛ no mu. (Aso. 8:26-40) Ɛnyɛ saa Etiopiani no nkutoo ne obi a ohia mmoa na ama wate Kyerɛwnsɛm no ase. Ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu kyerɛɛ yɛn nyinaa, titiriw mmofra.

Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmeb. 22:15) Mmofra hia akwankyerɛ, na ɛyɛ wɔn awofo asɛyɛde sɛ wogyina Bible ne nea wɔkyerɛ wɔn wɔ Kristofo asafo no mu so kyerɛkyerɛ wɔn abrabɔ pa ne Onyankopɔn asɛm. Mmofra wɔ hokwan sɛ wonya ntetee a ɛte saa. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ ma wɔte Bible ase yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenyin abɛyɛ nnipa a “wɔn ho akokwaw . . . a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.”—Heb. 5:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena