Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 7/1 kr. 17
  • “Ɔhwɛ Komam”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔhwɛ Komam”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Paw Dawid
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ogyinaa mu Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ɔbarima a Yehowa Koma Da no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Samuel Maa Nokware Som Nyaa Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 7/1 kr. 17

Bɛn Onyankopɔn

“Ɔhwɛ Komam”

1 SAMUEL 16:1-12

ƐNYƐ nea ɛhyerɛn nyinaa na ɛyɛ sika. Ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ nnipa ani so no na ɛma wohu ne suban ankasa. Mpɛn pii no, nnipa hwɛ nea etua aniwa. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Nyankopɔn hwɛ ade kɔ akyiri sen saa. Yehu eyi pefee wɔ asɛm a ɛwɔ 1 Samuel 16:1-12 no mu.

Wo de, susuw asɛm a esii yi ho hwɛ. Ná Yehowa rebɛsra ɔhene foforo ama Israel man no. Ɔka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ: “Meresoma wo akɔ Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mapaw ɔhene.” (Nkyekyɛm 1) Yehowa ammɔ onii no din ankyerɛ Samuel, mmom nea ɔkae ara ne sɛ ɔhene a wapaw no no befi Yese mmabarima no mu. Bere a Samuel sii kwan so a ɔrekɔ Betlehem no, ɛbɛyɛ sɛ obisaa ne ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahu Yese mmabarima no mu nea Yehowa apaw no no?’

Bere a Samuel duu Betlehem no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma ɔne Yese ne ne mmabarima no dii afɔrebɔ aduan. Bere a Eliab a ɔyɛ ɔba panyin no bae no, n’ahoɔfɛ nti Samuel ani gyee ne ho ntɛm ara. Ná Samuel susuw sɛ sɛnea Eliab tenten ne ne kɛse te nti ahenni bɛfata no, enti ɔkaa no ne tirim sɛ: “Ampa, nea Yehowa asra no no na ɔwɔ n’anim yi.”—Nkyekyɛm 6.

Nanso, ɛnyɛ saa na Yehowa hu nneɛma. Ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse, na mempɛ no.” (Nkyekyɛm 7) Ɛnyɛ Eliab tenten ne n’ahoɔfɛ na na Yehowa rehwɛ. Yehowa aniwa a ɛhwɛ ade kɔ akyiri no hu sɛnea onipa no te ankasa, na otumi hu nea ɛwɔ ne koma mu nso.

Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Samuel sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” (Nkyekyɛm 7) Nokwarem no, nea ɛho hia Yehowa ne nea ɛwɔ obi koma mu—ne nsusuwii, ne nneyɛe, ne ne nkate. Nea “ɔhwehwɛ koma mu” no ampaw Eliab—saa ara nso na ɔpoo Yese mmabarima baasia a wobegyinaa Samuel anim no.—Mmebusɛm 17:3.

Ná aka Yese mmabarima no mu biako, Dawid a ɔyɛ akumaa a na “ɔde nguan kɔ adidi” no. (Nkyekyɛm 11) Enti wɔsoma ma wɔkɔfaa Dawid fii wuram bae, na obegyinaa Samuel anim. Afei Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara ni!” (Nkyekyɛm 12) Nokwarem no, na Dawid yɛ “aberante a n’aniwa yɛ fɛ na ne ho nso yɛ fɛ.” Nanso, sɛnea na ɔte wɔ koma mu no na ɛmaa Onyankopɔn ani gyee ne ho.—1 Samuel 13:14.

Wɔ wiase a emu nnipa de wɔn adwene si ahoɔfɛ so kɛse yi mu no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ saa na Yehowa Nyankopɔn te. Ɔnhwɛ sɛnea wo tenten anaa w’ahoɔfɛ te. Na mmom, sɛnea wote wɔ koma mu no na Yehowa hwɛ. So eyi a woabehu no ma wunya ɔpɛ sɛ wobɛda su horow a ɛbɛma wo ho ayɛ fɛ wɔ Onyankopɔn ani so no adi?—w10-E 03/1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena