Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 7/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 7/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Yebetumi anya daa nkwa ampa?

Dɛn na ebetumi agye yɛn afi owu mu?

Adam ne onipa a odi kan, na ɔtenaa ase di boroo mfe 900. Ewiee ase no, ɔbɔɔ akora na owui. Efi saa bere no, nnipa afa akwan pii so pɛ sɛ wɔkwati nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ. Nanso obiara nni hɔ a wakyene bo. Adɛn ntia? Adam yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn; saa bɔne no nti na ɔbɔɔ akora na owui no. Nea enti a yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa ne sɛ Adam de bɔne awo yɛn, na akɔtwe owu abɛto yɛn so.​—Kenkan Genesis 5:5; Romafo 5:12.

Sɛ yebetumi anya daa nkwa a, gye sɛ obi tua agyede de pata ma yɛn. (Hiob 33:24, 25) Agyede yɛ biribi a obi tua de gye obi. Yɛn nso yehia obi a obetua agyede de agye yɛn afi owu mu. (Exodus 21:29, 30) Bere a Yesu wui no na otuaa saa agyede no.​—Kenkan Yohane 3:16.

Yɛbɛyɛ dɛn anya daa nkwa?

Ɛnyɛ obiara na obenya ne ho atetew afi yare ne nkwakoraabɔ mu. Nea ɛwom paa ne sɛ, nnipa a wɔyɛ asoɔden tia Onyankopɔn te sɛ Adam no, nkwa mfata wɔn, enti ebefi wɔn nsa. Nnipa a wonya bɔne fafiri nkutoo na wɔfata daa nkwa.—Kenkan Yesaia 33:24; 35:3-6.

Sɛ yebenya bɔne fafiri a, gye sɛ yetu ho anammɔn. Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛsɛ sɛ yesua na ama yɛahu no yiye. Ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya asetena pa ne Onyankopɔn nhyira, na yɛanya daa nkwa.​—Kenkan Yohane 17:3; Asomafo Nnwuma 3:19.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 3. Yehowa Adansefo na wontintimii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena