Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 10/1 kr. 5
  • Onyankopɔn Yɛɛ Nhyehyɛe a Ɔde Begye Adesamma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Yɛɛ Nhyehyɛe a Ɔde Begye Adesamma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Yɛahu Mesia No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wɔtwɛnee Mesia No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yesu Kristo—Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Safe
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 10/1 kr. 5

ASƐM A ƐDA SO | ASƐM BƐN PAA NA ƐWƆ BIBLE MU?

Onyankopɔn Yɛɛ Nhyehyɛe a Ɔde Begye Adesamma

Onyankopɔn hyɛɛ gyidini Abraham bɔ sɛ ‘aseni’ no befi ɔno Abraham abusua mu, na ɔnam ‘aseni’ no so behyira “aman nyinaa.” (Genesis 22:18) Akyiri yi, Abraham banana Yakob tu kɔtenaa Egypt. Ɛhɔ na n’abusua no ase trɛw bɛyɛɛ ɔman. Saa ɔman no ne Israelfo a wɔtenaa ase tete no.

Akyiri yi, Farao tirimɔdenfo bi de Israelfo yɛɛ nkoa wɔ Egypt kosii sɛ Onyankopɔn maa Mose begyee wɔn fii ne nsam; Onyankopɔn maa Po Kɔkɔɔ no mu paee ma wɔfaa mu. Ɛno akyi no, Onyankopɔn maa Israelfo no mmara de bɔɔ wɔn ho ban kyerɛɛ wɔn kwan; ebi ne Mmara nsɛm Du no. Mmara no mu no, wɔkyerɛɛ afɔre pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔbɔ na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn. Onyankopɔn de ne honhom kaa Mose ma ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɔbɛma wɔn odiyifo foforo. Saa odiyifo no ne ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no.

Ɛno akyi bɛboro mfe 400 no, Onyankopɔn hyɛɛ Ɔhene Dawid bɔ sɛ ‘aseni’ a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Eden no, ahenni a obedi so no rentwam da. Ɔno na ɔbɛyɛ Mesia no, Agyenkwa a Onyankopɔn ayi no sɛ ommegye adesamma na ɔnsan mfa Paradise mmra asase so no.

Onyankopɔn nam Dawid ne adiyifo foforo so daa Mesia no ho nsɛm foforo adi nkakrankakra. Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Mesia no bɛbrɛ ne ho ase, na ɔbɛyɛ ɔyamyefo; wɔkyerɛe sɛ, sɛ ɔbɛyɛ ɔhene a, ɔkɔm, atɛnkyea ne akokoakoko nyinaa befi hɔ. Nnipa ne ne yɔnko nnipa bɛtena asomdwoe mu, na asomdwoe bɛba nnipa ne mmoa mpo ntam. Ná ɔyare, amanehunu ne owu nka Onyankopɔn atirimpɔw ho, enti ne nyinaa befi hɔ korakora, na nnipa a wɔawuwu nso, wɔbɛsan anyan wɔn aba nkwa mu bio.

Onyankopɔn nam odiyifo Mika so kae sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem, na ɔmaa odiyifo Daniel nso kae sɛ akyiri yi wobekum no. Nanso wɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn benyan Mesia no afi awufo mu ma wayɛ ɔhene wɔ soro. Daniel san hyɛɛ nkɔm sɛ saa Mesia Ahenni no bɛba abesi aban a ɛwɔ wiase nyinaa anan. Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, enti ɔbae ampa?

​—Nsɛm yi fi Genesis ti 22-50, ne Exodus, Deuteronomium, 2 Samuel, Nnwom, Yesaia, Daniel, Mika, Sakaria 9:9.

ONYANKOPƆN DIN KRONKRON NO

Baabi a edin Yehowa no di kan pue wɔ Bible mu ne Genesis 2:4. Saa din yi da nsow, na Bible nsaano nkyerɛwee a wodii kan yɛe no, edin no pue wom bɛyɛ 7,000. Edin no asekyerɛ ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɛma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne ne bɔhyɛ ahorow no, obetumi adi ne nyinaa ho dwuma aboro so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena