Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 10/1 kr. 7
  • Asɛmpa Wɔ Hɔ Ma Adesamma Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa Wɔ Hɔ Ma Adesamma Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Intanɛt Dwumadibea​—Wɔayɛ sɛ Yɛne Afoforo Nnya So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nokware Kristosom Di Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Tie Nea Honhom No Ka Kyerɛ Asafo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 10/1 kr. 7

ASƐM A ƐDA SO | ASƐM BƐN PAA NA ƐWƆ BIBLE MU?

Asɛmpa Wɔ Hɔ Ma Adesamma Nyinaa

Yesu wusɔre no maa n’asuafo no gyidi ne wɔn ahokeka yɛɛ kɛse. Ɔsomafo Paulo sei, otutuu akwan kɔɔ Asia Kumaa ne Mediterranea nyinaa. Ɔhyehyɛɛ asafo ahorow hyɛɛ Kristofo no den ma wogyinaa ɔbrasɛe ne ɔtaa a na ɛyɛ hu ano. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, Kristosom nyaa nkɔso na ɛtrɛwee.

Paulo koraa, wɔde no too afiase. Nanso, ɔwɔ hɔ mpo ɔkyerɛw nkrataa kɔhyɛɛ Kristofo asafo ahorow nkuran tuu wɔn fo. Ade biako a na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ wɔn ho yiye wɔ ho paa ne awaefo, na Paulo bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ho. Onyankopɔn de ne honhom kronkron kaa Paulo ma ɔka too hɔ sɛ “mpataku bɔne” a wɔbɛkasa “akyinkyim nsɛm” bɛhyɛn asafo no mu, na wɔbɛtwe “asuafo no adi wɔn akyi.”​—Asomafo Nnwuma 20:29, 30.

Ansa na asomafo no refi hɔ no, na ɔwae no ahyɛ ase dedaw. Emu hɔ baabi na Yesu a wɔanyan no no de Adiyisɛm no maa ɔsomafo Yohane wɔ sɛnkyerɛnne mu de kyerɛɛ nneɛma a ɛbɛba daakye. Sɛnea Yohane kyerɛwee saa bere no, na atamfo ne atoro akyerɛkyerɛfo nyinaa rentumi nsiw Onyankopɔn atirimpɔw kwan; ɔkwan biara so no, na n’atirimpɔw a ɛfa asase ne nnipa ho no bɛba mu. “Aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” bɛte Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Adiyisɛm 14:6) Asase bɛdan Paradise, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, obetumi anya hɔ atena!

Wunhu sɛ saa asɛm yi yɛ “asɛmpa”? Sɛ saa a, ɛnde sua Bible no na hu asɛm a Onyankopɔn wɔ ma nnipa ne sɛnea ebetumi aboa wo nnɛ ne daakye.

Wo ara wubetumi akenkan Bible wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org. Sɛ wokɔ Intanɛt dwumadibea hɔ a, wubetumi akenkan nhoma ahorow yi nso wɔ hɔ: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Wubetumi nso akenkan nhoma afoforo wɔ hɔ; ne nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Bible so na yɛde emu nsɛm no ayɛ adwuma wɔ yɛn abusua mu de abɔ yɛn bra. Wopɛ a, wubetumi ama Yehowa Adansefo ama wo nkyerɛkyerɛmu pii.

​—Nsɛm yi fi Asomafo Nnwuma, Efesofo, Filipifo, Kolosefo, Filemon, 1 Yohane, Adiyisɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena