Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 10/1 kr. 8-9
  • Onyankopɔn Ahenni​—Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ahenni​—Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Ahenni​—Nea Enti a Ɛho Hia Yesu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Onyankopɔn Ahenni
    Nyan!—2013
  • Gyina Onyankopɔn Ahenni No Akyi Nnɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 10/1 kr. 8-9
Awarefo bi a Yehowa Adansefo ne wɔn reyɛ Bible adesua; wɔresua Onyankopɔn Ahenni ho ade

ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN AHENNI​—ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Onyankopɔn Ahenni​—Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Ɛho Hia Wo

Yɛreka ba yi nyinaa, ebia woahu sɛ Onyankopɔn Ahenni no ho hia Yehowa Adansefo paa. Bere a wohuu nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba daakye no, ɛbɛyɛ sɛ w’ani gyei. Nanso, ebia na wonhu sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam anaasɛ ɛremma mu.

Sɛ saa na ɛyɛ wo a, mma no nhaw wo, efisɛ wote biribi a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye ansa na woagye adi. (Mmebusɛm 14:15) Biribi saa na tete Beroiafo nso yɛe.a Bere a wɔtee Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, wɔgye toom. Nanso, ɛnyɛ sɛ na ɛyɛ wɔn asom dɛ kɛkɛ ntia. Mmom, na wɔto wɔn bo ase hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu “hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.” (Asomafo Nnwuma 17:11) Ɛno kyerɛ sɛ Beroiafo no de asɛmpa a wɔtee no totoo Kyerɛwnsɛm no ho. Ɛno maa wɔhuu sɛ asɛmpa a wɔtee no fi Onyankopɔn Asɛm mu ampa.

Yehowa Adansefo ani bɛgye ho sɛ wo nso wobɛyɛ saa. Yɛne nkurɔfo sua Bible a yɛnnye sika. Enti sɛ wopɛ a, yɛbɛboa wo ama wode nea Yehowa Adansefo ka fa Onyankopɔn Ahenni ho no atoto nea Bible kyerɛkyerɛ no ho.

Sɛ wosua Bible a, ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho ade nko ara na wobɛhu. Wobɛsan anya nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuae. Ebi ni:

  • Ɛyɛɛ dɛn na yɛbaa wiase?

  • Dɛn nti na yɛwɔ wiase?

  • Adɛn nti na Onyankopɔn ma yɛhu amane?

  • Yɛwu a, ɛhe na yɛkɔ?

  • Asase yi bɛsɛe anaa?

  • Dɛn na ɛma anigye ba abusua mu?

Wosua Bible a, mfaso kɛse a wobɛnya ne sɛ, ɛbɛma ‘woabɛn Onyankopɔn.’ (Yakobo 4:8) Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, wobɛhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma woanya nneɛma pa pii nnɛ de akosi daa. Bere a Yesu rebɔ n’Agya mpae no, ɔkaa sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ [wɔbɛhu] wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”​—Yohane 17:3.

Saa nhoma yi, Yehowa Adansefo bɛtumi ne wo de asua Bible.

Sɛ wopɛ sɛ obi ne wo bɛsua Bible a wontua hwee a, ka kyerɛ Yehowa Danseni biara, anaa hyehyɛ ɔfã a wɔato din “Ma Obi ne Wo Mmesua Bible” wɔ www.jw.org/tw. (Wokɔ yɛn wɛbsaet hɔ a, hwɛ ɔfã a wɔato din MA OBI NE WO MMESUA BIBLE)

a Ná Beroia yɛ kurow a ɛwɔ tete Makedonia.

Nea Enti a Onyankopɔn Ahenni Som Bo Ma No

Folake

Folake yɛ abaayewa a wadi mfe du. Nnansa yi ara, wɔmaa no dwumadi wɔ sukuu sɛ ade a n’ani gye ho paa wɔ wiase no, ɔnkyerɛw ho asɛm. Folake kyerɛw nea enti a n’ani gye ho sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ nkurɔfo.

Ɔkyerɛwee sɛ, “Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa. Nanso wontumi mfa w’ani nhu. Wohyɛ ahwehwɛniwa mpo a, worenhu!”

Nhyira a Ahenni no de bɛba no, Folake kyerɛw emu nea n’ani gye ho paa ho asɛm. Ɔtoaa so kaa ɔhaw a Ahenni no bɛyi afi hɔ no bi ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mehu sɛ nkurɔfo deda abɔnten, na ɔkɔm kunkum mmofra wɔ wiase baabiara a, ɛma me werɛ how paa. Nanso sɛ mekenkan Yesaia 65:21 a, na m’ani asan agye.” Nnipa a Onyankopɔn Ahenni bɛdi wɔn so no, saa Kyerɛwsɛm no ka wɔn ho asɛm sɛ: “Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.”

Folake san kyerɛwee sɛ ɔretwɛn bere a Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛyi nyarewa nyinaa afi hɔ. Ɔde Adiyisɛm 21:4 baa n’asɛm no mu. Ɛhɔ ka sɛ Onyankopɔn bɛpopa nnipa “aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.” Bere a Folake rewie n’asɛm no, ɔka sii so dua sɛ ade a n’ani gye ho paa wɔ wiase ne sɛ ɔbɛka Yehowa ne n’Ahenni ho asɛm. Abaayewa yi asɛm ma yɛhu no pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni da ne koma so paa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena