Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 12/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
    Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
    Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 12/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Dɛn na ɛbɛboa mmɔfra ama wɔadɔ Onyankopɔn?

Ɔwofo bi rekyerɛ ne ba nea yɛbɛtumi asua afi adebɔ mu

Wo ne wo ba nsua adebɔ ho adeɛ ma ɔnhu Onyankopɔn na ɔnnɔ no

Sɛ wo mma bɛdɔ Onyankopɔn a, gye sɛ wɔhu biribi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdɔ wɔn. Sɛ wɔbɛnya ɔdɔ ama Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ wɔhu no yie. (1 Yohane 4:8) Nneɛma a ɛhia sɛ wɔnya ho mmuaeɛ no bi ni: Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa? Adɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu kɔ so? Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn daakye?​—Kenkan Filipifoɔ 1:9.

Wopɛ sɛ wo mma dɔ Onyankopɔn a, ma wɔnhu sɛ wo nso wodɔ no. Ɛba saa a, wɔbɛsuasua wo.​—Kenkan Deuteronomium 6:5-7; Mmebusɛm 22:6.

Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wo mma ama aka wɔn koma?

Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Hebrifoɔ 4:12) Enti boa wo mma ma wɔnnya mu nteaseɛ a ɛfata. Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ a, na ɔtaa bisa wɔn nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm no bɛka wɔn koma. Afei nso na ɔtie wɔn na ɔkyerɛkyerɛ Twerɛnsɛm mu kyerɛ wɔn. Sɛ wo nkyerɛkyerɛ bɛka wo mma koma a, ɛsɛ sɛ wosua akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛeɛ no.​—Kenkan Luka 24:15-19, 27, 32.

Sɛ mmɔfra no sua Bible na wɔhu sɛnea ɛfi tete Onyankopɔn ne nnipa adi nsɛm a, ɛbɛma wɔahu no yie na wɔadɔ no. Nneɛma bi wɔ www.jw.org/tw a ɛbɛtumi aboa mmɔfra ma wɔayɛ saa.​—Kenkan 2 Timoteo 3:16.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 14. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimii

Ɛwɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw. Wobɛtumi nso de address a ɛwɔ kratafa 2 no bi atwerɛ yɛn ma yɛabrɛ wo nhoma no bi kwa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena