Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 4/1 kr. 3-4
  • Adɛn Nti na Ɛho Hia sɛ Wosua Bible?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Ɛho Hia sɛ Wosua Bible?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 4/1 kr. 3-4
Ɔbarima bi a ɔreyɛ Bible mu nhwehwɛmu wɔ nwomakorabea bi a ɛwɔ ne mpɔtam

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐHO HIA SƐ WOSUA BIBLE?

Wopɛ Sɛ Wosua Bible?

  • Adɛn nti na yɛwɔ wiase?

  • Adɛn nti na nnipa hu amane na wɔwuo?

  • Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ daakye?

  • Enti Onyankopɔn dwen me ho?

Woabisa nsɛm a ɛte saa bi pɛn? Sɛ saa a, ɛnde, ɛnyɛ wo nko ara na woabisa nsɛm a ɛte saa. Nnipa a wɔwɔ wiase baabiara bisa nsɛm a ɛho hia yi. Wohwɛ a wobɛtumi anya ho mmuaeɛ?

Nnipa mpempem pii bɛka sɛ, “Aane!” Adɛn ntia? Efisɛ wɔanya wɔn nsɛmmisa ho mmuaeɛ wɔ Bible mu ama wɔn koma atɔ wɔn yam. Wopɛ sɛ wohunu nea Bible no ka? Ɛnde, ebia w’ani bɛgye ho sɛ wo ne Yehowa Adansefoa bɛsua Bible a worentua hwee.

Ɛwom, nnipa pii wɔ hɔ a, sɛ wobɔ Bible so kyerɛ wɔn a nea wɔtaa ka ne sɛ: “Menni adagyew koraa.” “Bible no sua yɛ den dodo.” “Merentumi nhyɛ bɔ.” Nanso ebinom deɛ wɔnka saa. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhunu nea Bible kyerɛkyerɛ. Momma yɛnhwɛ nsɛm a wɔaka no bi:

  • “Mekɔɔ Katolek ne Protestant asɔre. Afei nso mekɔɔ Sikhfo asɔre, ne Buddhafo asɔre, na mesuaa nyamesom ho ade wɔ sukuupɔn mu. Nanso, mannya Onyankopɔn ho nsɛmmisa a merehwehwɛ no ho mmuaeɛ. Afei Yehowa Danseni bi baa me fie. Mmuaeɛ a ɔfiri Bible mu de maa me no maa me koma tɔɔ me yam na mepenee so sɛ mɛsua Bible.”​—Gill, England.

  • “Ná mewɔ asetena ho nsɛmmisa pii, na mmuaeɛ a me sɔfo de maa me no antɔ m’asom papa. Nanso Yehowa Danseni bi baa me nkyɛn, na ɔde Bible no nkutoo yii me nsɛmmisa no ano. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ m’ani gye ho a, ɔbɛtumi aba ne me abɛsua pii aka ho, na me nso mepenee so.”​—Koffi, Benin.

  • “Ná mepɛ sɛ mehunu baabi a awufo wɔ. Ná megye di sɛ awufo bɛtumi ahaw ateasefo nanso na mepɛ sɛ mehunu nea Bible no ka wɔ ho. Enti mefirii ase ne m’adamfo Yehowa Danseni bi suaa Bible.”​—José, Brazil.

  • “Mebɔɔ mmɔden kenkan Bible no nanso mante ase. Afei Yehowa Adansefo baa me nkyɛn, na wɔkyerɛkyerɛɛ Bible nkɔmhyɛ pii mu kyerɛɛ me kama. Enti m’ani gyee ho sɛ mɛsua piiaka ho.”​—Dennize, Mexico.

  • “Ná mepɛ sɛ mehunu sɛ Onyankopɔn dwen me ho ampa, ɛno nti mebɔɔ Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no mpae. Da a ɛdi hɔ no, Adansefo baa me fie, na mepenee so sɛ me ne wɔn bɛsua Bible.”​—Anju, Nepal.

Saa nsɛm a nkurɔfo aka yi ma yɛkae Yesu asɛm a ɛne sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ.” (Mateo 5:3) Nnipa fi awoɔ mu wɔ ahiade bi; ɛne sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn. Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi ama yɛahunu no, na ɔnam n’Asɛm Bible so na ɛyɛ saa.

Sɛ yɛne obi sua Bible a, yɛyɛ no sɛn? Wobɛyɛ dɛn anya so mfaso? Asɛm a ɛdi hɔ no bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ.

a Bible ma yɛhunu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

BIBLE HO NSƐM

Bible a wɔabue mu
  • EDIN: Efi Hela asɛmfua biblia a ɛkyerɛ “nwoma nketewa” mu

  • EMU NSƐM: Nwoma 39 na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu (wɔde Aram kasa kyerɛw emu bi) na nwoma 27 na ɛwɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu

  • BERE NE WƆN A WƆKYERƐWEE: Nnipa bɛyɛ 40 na wɔde mfe bɛboro 1,600 kyerɛwee. Wɔfirii ase afe 1513 A.Y.B. na wɔwiee bɛyɛ afe 98 Y.B.b

  • KASA AHOROW: Wɔakyerɛ Bible no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 2,500 mu

  • NE KYEKYƐ: Wɔakyekyɛ Bible bɛyɛ ɔpepepem nnum, ma enti abɛyɛ nwoma a wɔakyekyɛ paa sen nwoma biara wɔ wiase

b Nkyerɛwde A.Y.B. gyina hɔ ma “Ansa na Yɛn Bere Mu,” ɛnna Y.B. gyina hɔ ma “Yɛn Bere Mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena