Emu Nsɛm
3 Wotuu Wɔn ho Mae Koraa—Wɔ Turkey
NNAWƆTWE A EFI ASE AUGUST 28, 2017–SEPTEMBER 3, 2017
Adesua asɛm yi bɛma yɛahu sɛnea yebetumi de honam fam nneɛma a yɛwɔ ‘anya nnamfo’ wɔ soro. (Luka 16:9) Ɛbɛsan ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na wiase yi aguadi amfa yɛn anyɛ nkoa. Bio, yebehu sɛnea yebetumi asom Yehowa yiye paa.
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 4-10, 2017
Sɛ Kristoni bi dɔfo wu a, dɛn na ɛbɛboa no ama wanya awerɛkyekye? Yehowa nam Yesu Kristo, Kyerɛwnsɛm no, ne Kristofo asafo no so kyekye yɛn werɛ. Adesua asɛm yi bɛma yɛahu sɛnea yebenya awerɛkyekye. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea yɛbɛkyekye wɔn a wɔahwere wɔn adɔfo werɛ.
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 11-17, 2017
17 “Munyi Yah Ayɛ”—Adɛn Ntia?
Dwom 147 hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran mpɛn pii sɛ wonyi Yehowa ayɛ. Dɛn na odwontofo no hui wɔ Yehowa ho a ɛma ɔkae sɛ ɛfata sɛ yeyi no ayɛ? Adesua asɛm yi bɛma yɛahu. Ɛbɛsan ama yɛahu nea enti a yɛn nso ɛsɛ sɛ yeyi Onyankopɔn ayɛ.
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 18-24, 2017
22 “Ɔmma Wo Tirimbɔ Nyinaa Mmra Mu”
Anuanom mmerante ne mmabaa pii de wɔn ho rehyɛ bere nyinaa som adwuma no mu a adagyew nnim. Saa adwuma no na ɛda wo koma so anaa? Adesua asɛm yi bɛma woanya afotu pa afi Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛbɛboa wo ma woadwen wo daakye ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani begye na asi wo yiye.