Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 25, 2017–OCTOBER 1, 2017
3 Wobɛtɔ Wo Bo Ase Atwɛn Anaa?
NNAWƆTWE A EFI ASE OCTOBER 2-8, 2017
8 ‘Onyankopɔn Asomdwoe Boro Adwene Nyinaa So’
Adesua a edi kan no bɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase twɛn Yehowa. Yɛbɛsan ahwɛ nea mmarima ne mmea anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe. Wei bɛboa yɛn ama yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn. Adesua a ɛto so mmienu no, ɛbɛma yɛahu sɛnea Yehowa betumi ayɛ nneɛma bi a yɛnna nnwenee ho da. Wei bɛma yɛanya Yehowa mu ahotoso kɛse, na yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn no ama wadi yɛn asɛm ama yɛn.
13 Asetenam Nsɛm—Mafa Sɔhwɛ Mu Anya Nhyira Pii
NNAWƆTWE A EFI ASE OCTOBER 9-15, 2017
17 Sɛnea Yebeyi Nipasu Dedaw no Agu a Yɛnkɔfa Bio
NNAWƆTWE A EFI ASE OCTOBER 16-22, 2017
22 Sɛnea Yɛbɛhyɛ Nipasu Foforo no a Yɛrenyi Ngu Hɔ Da
Adesua a edi kan no bɛma yɛahu sɛnea yebeyi nipasu dedaw no agu ne nea enti a ɛho hia sɛ yɛyɛ saa ntɛm. Ɛbɛsan nso ama yɛahu nea yɛbɛyɛ na yɛansan ankɔfa nipasu dedaw no bio. Adesua a ɛto so mmienu no, yebehu nipasu foforo no afã ahorow bi ne sɛnea yɛbɛda no adi wɔ yɛn asetena mu ne asɛnka mu.