Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE OCTOBER 23-29, 2017
Yehowa ahosodi deɛ, asɛm biara nni ho; otumi di ne ho so korakora. Nnipa bɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yehowa di ne ho so no? Dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi adi wo ho so yiye?
NNAWƆTWE A EFI ASE OCTOBER 30, 2017–NOVEMBER 5, 2017
Sɛ yɛka sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ɛkyerɛ sɛn? Yehowa ne Yesu nyinaa ayɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ayamhyehye paa. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua wɔn? Yɛyɛ saa a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?
13 Asetenam Nsɛm—M’ani Agye sɛ Me ne Mmarima a Wɔdɔ Yehowa Ayɛ Adwuma
NNAWƆTWE A EFI ASE NOVEMBER 6-12, 2017
18 ‘Yɛn Nyankopɔn Asɛm Tim Hɔ Daa’
NNAWƆTWE A EFI ASE NOVEMBER 13-19, 2017
23 ‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’
Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so kyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ yɛanya Onyankopɔn Asɛm no wɔ kasa a yɛte ase mu? Adesua nsɛm yi bɛma yɛanya anisɔ kɛse ama Bible no, na yɛadɔ ne Kyerɛwfo no kɛse.
NNAWƆTWE A EFI ASE NOVEMBER 20-26, 2017
28 ‘Nya Akokoduru na Kɔyɛ Adwuma’
Ehia sɛ Kristofo nya akokoduru. Nnipa bi tenaa ase tete a wonyaa akokoduru. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn? Dɛn na mmabun, awofo, mmea mpanyimfo, ne anuanom mmarima a wɔabɔ asu bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nnwuma pa?