Emu Nsɛm
3 Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Madagascar
NNAWƆTWE A EFI ASE FEBRUARY 26, 2018–MARCH 4, 2018
Sɛ yɛte nka sɛ ɔhaw a yɛrehyia wɔ yɛn asetena mu remene yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ? Yebesusuw afe 2018 afe asɛm ho wɔ adesua yi mu. Yebehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma kwan ma Yehowa hyɛ yɛn den ne ɔkwan a ɔbɛfa so ahyɛ yɛn den.
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 5-11, 2018
12 Nkaedi No Ma Onyankopɔn Nkurɔfo Yɛ Baako
Afe yi, Kristo wu Nkaedi no besi Memeneda March 31, 2018. Dɛn na yebetumi ayɛ seesei de asiesie yɛn ho ama afahyɛ no, na sɛ yɛkɔ ase a, mfaso bɛn na yebenya? Ɔkwan bɛn so na saa afahyɛ no boa ma baakoyɛ tena Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ baabiara mu? Yebenya mmuae wɔ adesua yi mu.
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 12-18, 2018
17 Onii a Ade Nyinaa Yɛ Ne Dea No, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma No Biribi?
Biribiara a yɛwɔ no, Yehowa na ɔde ama yɛn. Nanso, ɔhwɛ kwan sɛ yɛde yɛn sika bɛboa adwuma a n’ahyehyɛde no reyɛ nnɛ no. Adesua yi mu no, yebehu nea enti a sɛ yɛde yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam a, yenya so mfaso.
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 19-25, 2018
22 Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 26, 2018–APRIL 1, 2018
27 Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam
Adesua a edi kan no, yebehu sɛ nea ɛma yenya anigye ankasa ne ɔdɔ a yɛbɛdɔ Onyankopɔn, na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya dɔ a nnipa pii da no adi wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no. (2 Tim. 3:1) Adesua a ɛto so mmienu no bɛma yɛahu nsonsonoe kɛse a ɛwɔ nneyɛe a nkurɔfo bɛda no adi wɔ nna a edi akyiri mu ne Onyankopɔn nkurɔfo nneyɛe mu.
32 So Wunim?