Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE FEBRUARY 4-10, 2019
Nokware Kristofo hwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛtena Paradise. Saa adesua yi bɛma yɛahu nea Kyerɛwnsɛm no ka nti a yegye di pa ara sɛ saa anidaso no bɛbam. Afei nso, Paradise ho bɔ a Yesu hyɛe no, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea ɛkyerɛ ankasa.
NNAWƆTWE A EFI ASE FEBRUARY 11-17, 2019
10 Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni
Adesua yi bɛma yɛahu nea Bible ka fa aware a nidi wom ho. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedi aware ni? Yɛbɛyɛ dɛn de nea Bible ka fa awaregyae ne ntetewmu ho no ayɛ adwuma?
15 Asetenam Nsɛm—‘Yehowa Ne Yɛn Adi No Yiye’
NNAWƆTWE A EFI ASE FEBRUARY 18-24, 2019
19 Mmabun, Mo Bɔfo No Pɛ Sɛ Mo Ani Gye
NNAWƆTWE A EFI ASE FEBRUARY 25, 2019-MARCH 3, 2019
24 Mmabun, Mubetumi Anya Asetena a Akomatɔyam Wom
Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ mmabun sisi gyinae akɛse; ebi ne botae a wɔde besisi wɔn ani so wɔ asetena mu. Wiase no mu nnipa taa hyɛ mmabun nkuran sɛ wonsua nhoma nkɔ akyiri na ama wɔanya adwuma a ɛbɛma wɔanya sika pii. Nanso, Yehowa tu mmabun fo sɛ wɔmfa ɔno nni kan wɔ wɔn asetena mu. Adesua mmienu yi bɛma yɛahu sɛ nyansa wom sɛ yebetie Onyankopɔn.