Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/80 kr. 1
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Yɛn Ahenni Som—1980
km 2/80 kr. 1

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Ahenni Adawurubɔfo:

Yɛadu 1980 ɔsom afe no fã na nea yɛayɛ de besi saa bere yi mu nhwehwɛmu bɛyɛ nea ɛho wɔ mfaso. Bere a yefii ɔsom afe no ase no na adawurubɔfo 22,099 na wobu asɛnka adwuma ho akontaa, eyi boro afe a etwaam no dodow nkyekyem no so ɔha biara mu akron. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asafo mu adawurubɔfo de nnɔnhwerew 11.2 kɔɔ asɛnka, wɔyɛɛ sankɔhwɛ 5.7 ne ofie Bible adesua 0.8. Na eyi hyɛ nkuran yiye. Nsɛmma nhoma kyekyɛ kɔɔ anim ma ɔdawurubɔfo biara maa 4.5! Yɛma mo amo wɔ adwuma pa yi ho!

Efi October, 1979 no, yefii asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu dwumadi ase. Asafo horow 164 nyaa adwuma yi mu kyɛfa. Bere koro no ara mu no yɛde bere tiaa mu akwampaefo titiriw 35 kɔɔ nsasesin akron mu, titiriw wɔ Atifi mantam ahorow no mu, sɛ wonkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no. Amanneɛbɔ ne osuahu ahorow a nsa aka no da no adi sɛ Yehowa hyiraa adwuma no so, na anuanom a wonyaa mu kyɛfa no ani gyei kɛse.​—Aso. 20:35.

Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ anuanom hu hia a ehia sɛ wɔboa nnipa nyinaa ma wɔte asɛmpa no ansa na “ahohiahia kɛse” no aba na wɔanya kwan asi gyinae. So wo nso wuhu hia a ɛho hia? Yegye di saa. Ɛnde na ɛbɛhwehwɛ sɛ wode “adesoa biara adesoa” (Heb. 12:1) ne nneɛma a ɛho nhia pii no to nkyɛn na woatumi anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa sɛ asafo mu ɔdawurubɔfo anaa akwampaefo boafo, daa kwampaefo anaa ɔkwampaefo titiriw na woabu wo dwumadi ho akontaa ntɛm ɔsram biara.

Asram a ɛreba no bɛma yɛanya hokwan ahorow de atrɛw yɛn dwumadi mu: nsɛmma nhoma titiriw kyekyɛ, Nkaedi, ne ebia nsasesin a asafo horow yɛɛ mu adwuma wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu dwumadi asram no mu no mu bio a wɔbɛsan akɔ. (Aso. 15:36) So woayɛ nhyehyɛe sɛ wubenya dwumadi ahorow yi mu kyɛfa? Sɛ woyɛ saa a w’ani begye pii. Momma yɛnna yɛn dɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu adi denam wɔn ahyɛde so a yedi (1 Yoh. 5:3; Mat. 24:14; 28:19, 20) so, na yɛnna ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nipa adi denam Ahenni asɛmpa no a yɛde kɔ nnipa a wɔwɔ nsasesin a wɔde ama yɛn ne nea wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu wɔ asram a ɛreba no mu no so.​—Gal. 6:10.

Mo nuanom,

ACCRA BAA DWUMADIBEA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena