Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma January mu: Afe biako Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra. Yɛde nhoma biako bɛka nea ɛba adapɛn abien biara a ɛyɛ ¢8.00 no ho, na nea ɛba ɔsram biara no bɛyɛ ¢4.00. Asafo no betumi abisa ɛkɔ ntewso wɔ nhoma biara a wɔde bɛka nsɛmma nhomakra ho akyɛ no ho. Adawurubɔfo begye nhoma no afi asafo no mu de akɔma onii a ɔkraa nsɛmma nhoma no. February ne March: Choosing the Best Way of Life, ¢1.50. Sɛ eyi bi nni mo asafo no mu a, mubetumi de nhoma nketewa no mu biara a mowɔ adi dwuma de agye ¢1.50. April: Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra. Nea ɛba adapɛn abien biara a nhoma nketewa no biako ka ho kwa no bɛyɛ ¢8.00, na nea ɛba ɔsram biara no bɛyɛ ¢4.00. Momfa nhoma akɛse a ekura nkratafa 384 anaa 416 no nni dwuma sɛ akyɛde kosi sɛ ɛbɛsa ansa na mode nhoma nketewa a ɛnkɔ ntɛmntɛm nnansa yi no bi adi dwuma.
● NKAEDI: Nkaedi no ba March 31 afe yi, bere a owia akɔtɔ. Yɛde saa nkaebɔ yi redi kan ama na asafo horow atumi afi ase asiesie wɔn ho. Yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka bobesa a yɛde bedi Nkaedi no na asafo horow agye bi afi ɔmantam sohwɛfo nkyɛn wɔ ɔmansin nhyiam ase anaa baa dwumadibea ha ansa na bere no adu. Adawurubɔfo betumi ayɛ nhyehyɛe anya akwampaefo boafo adwuma mu kyɛfa March ne/anaa April mu. Momma afe yi akwampaefo boafo adwuma no nyɛ nea ɛsen biara.
● NSƐMMA NHOMA ATITIRIW: Yɛkae asafo horow a wonnya nhyehyɛe kratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma no bi mmaa nsɛmma nhoma atitiriw no ma wɔayɛ saa de abrɛ Asafo ti no ntɛm ara. Monkae sɛ nea mobɛkyerɛw wɔ kratasin yi so no yɛ nea yɛde bɛka nea mugye daa no ho.