Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/80 kr. 1-3
  • “Munsua Onyankopɔn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munsua Onyankopɔn”
  • Yɛn Ahenni Som—1980
Yɛn Ahenni Som—1980
km 1/80 kr. 1-3

“Munsua Onyankopɔn”

1 Ɔsomafo Paulo kyerɛw mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Korinto sɛ: “Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam no honhom mu fĩ nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Kor. 7:1) Dɛn ne bɔhyɛ ahorow a ɔka ho asɛm yi? Eyinom mu bi na odii kan bobɔɔ din ansa na ɔreka saa asɛm yi, na ɛyɛ, Onyankopɔn a ‘ɔbɛtra yɛn mu,’ ‘sɛ ɔbɛyɛ yɛn Nyankopɔn na yɛn nso yɛayɛ ne man,’ ‘sɛ ɔbɛyɛ yɛn Agya na yɛabɛyɛ ne mmabarima ne mmabea.’​—2 Kor. 6:16-18.

2 Eyinom yɛ bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo, ɛnte saa anaa? Ne saa nti, so ɛbɛkyerɛ ɔdɔ wɔ yɛn fam sɛ yɛbɛma wiase yi mu biribi atew yɛn afi Onyankopɔn ho, ma bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo yi abɔ yɛn anaa? Ɔsomafo Paulo buae sɛ: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”​—Rom. 8:38, 39.

3 So wo nso wo tirim a woabɔ nen anaa? Yɛhwɛ kwan saa. Nanso nea ɛyɛ yaw na ɛyɛ awerɛhow no, ebinom ama honam akɔnnɔ horow atwe wɔn afi saa dɔ yi ho, anyɛ yiye koraa no bere tiaa bi. Ne saa nti, eyinom afi Onyankopɔn nkurɔfo asafo no mu denam tu a wɔatu wɔn wɔ saa awiei bere yi mu no so! Awerɛhosɛm bɛn ni!

4 Sɛnea ɛbɛyɛ na woahu nea ɛkɔɔ so wɔ ɔsom afe a etwaam no nkutoo mu no, ebia wo ho bedwiriw wo sɛ wobɛte sɛ wotuu anuanom mmarima ne mmea 451,.na eyinom mu ɔha mu 97 yɛ nea wotuu wɔn wɔ aguamammɔ anaa awaresɛe ho. Wɔn a wɔkaa wɔn anim wɔ abrabɔ bɔne a ɛte saa ho no bɛyɛ eyi mmɔho anan! Ebia wubebisa sɛ, Dɛn ntia, na dɛn na ɛde eyi aba? Mmuae no yɛ tiatiaa! Satan reko atia Onyankopɔn nkurɔfo denneennen na ebinom ayɛ anibiannaso ma Satan “bɛmma a ɛredɛw” no adi wɔn awu. (Efe. 6:16) Wɔanni akodi ho ahyɛde a ɛwɔ Efesofo 6:10-18 no so.

5 Dɛn ne nneɛma a Satan nam so anya eyinom a wɔn ani nna hɔ no binom? Kakraa bi ni: Fekuw bɔne (1 Kor. 15:33) , anigyede akyidi (2 Tim. 3:4) , honam akɔnnɔ akyidi (Gal. 6:7, 8) , anibiannaso a wɔyɛ wɔ Ahenni asɛnka adwuma no ho a wɔnnyɛ honhom mu hyew (Rom. 12:11) , obi ne Yehowa ntam abusuabɔ a ommu no aniberesɛm.​—2 Pet. 1:15, 16.

6 Bere a nhyehyɛe foforo no ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no nyinaa mmamu abɛn no, so yebetumi ayɛ anibiannaso ma Satan, yɛn ankasa honam a ahwe ase no anaa biribi foforo asɛe abusuabɔ a yɛne Nyankopɔn wɔ no, ma anidaso a yɛwɔ no abɔ yɛn anaa? Onyankopɔn mma ɛmpare yɛn! Enti ɛsɛ sɛ yetie afotu pa a ɛwɔ Romafo 13:11-14 yi: “Na eyi mmom, efisɛ yenim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no. Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode. Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu; na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo no, na mommma ɔhonam so hwɛ nnnan nnkɔ akɔnnɔ mu!”

7 “Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu, . . . Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, moma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi? Sɛ yɛpɛ sɛ yekura abusuabɔ pa a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ no mu, na yenya ne dom ne bɔhyɛ ahorow a ɔde ama no nyinaa mu anigye a, ɛnde ɛsɛ sɛ yesuasua no na yɛma yɛn ho tew. “Efisɛ munim dedaw sɛ aguaman biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.”​—Efe. 5:1-5.

8 Wɔ Yɛn Ahenni Som a edidi so mu no wɔbɛda nsɛm a ɛtete sɛɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Satan adi asi wɔ yɛn asetra mu adi. Enti monhwɛ eyinom kwan.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena