Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bedi dwuma February ne March mu: Choosing the Best Way of Life wɔ Engiresi mu, anaa Onyankopɔn “Daa Atirimpɔw” wɔ Ewe ne Twi mu, ¢1.50. Sɛ munni nhoma yi bi wɔ asafo no mu a, mubetumi de nhoma nketewa no mu biara adi dwuma, de agye ¢1.50. April: Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra. Nea ɛba adapɛn abien biara a nhoma nketewa no biako ka ho kwa no bɛyɛ ¢8.00, na nea ɛba ɔsram biara no bɛyɛ ¢4.00. Sɛ moda so wɔ nhoma akɛse a ekura nkratafa 384 anaa 416 no bi a, momfa ɛno mmom nni dwuma sɛ akyɛde.
● Asafo horow betumi abisa ¢1.40 wɔ nhoma biara a wɔde bɛkyɛ obi a ɔbɛkra nsɛmma nhoma April mu no ho. Wɔde nhoma horow yi bɛma adawurubɔfo no bere a wɔde nsɛmma nhomakra a nsa aka no rema asafo no. Wɔ Sika Mana ne Ɛka Ntewso nkratasin no so no, baabi wɔ hɔ a wɔakyerɛw “Nhoma Afoforo,” na wobetumi akyerɛ nhoma dodow a wɔde maa wɔn a wɔkraa nsɛmma nhoma April mu kwa no wɔ hɔ.
● AKWAMPAEFO BOAFO ADWUMA: Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wobetumi ayɛ nhyehyɛe anya akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa no hu mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no ma wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn. Momma March ne April nyɛ nea eye sen biara wɔ akwampaefo boafo adwuma mu.