Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma A Wɔde Bedi Dwuma Yiye So
1 Hwɛ aseda ara a ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔ nhoma horow a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn aduan honhom mu no ho. Yɛde ahopere buebue nhoma foforo a woyi adi wɔ nhyiam horow ase no mu anaa bere a yɛn nsa aka nsɛmma nhoma foforo no. Afei yɛkenkan na yɛanya nimdeɛ a ɛboa yɛn ma yehu Yehowa ne n’atirimpɔw horow yiye. Nanso nhoma horow yi nyɛ yɛn nkutoo dea. Ɛsom bo wɔ yɛn asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu.—Mat. 24:14; 28:19, 20.
2 Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛde nhoma bɛma ara kwa wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso, sɛ yenim nsɛm a ɛwɔ nhoma horow no mu a, yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛma nnipa pii anya bi na aboa wɔn ma wɔahu nokware a ɛwɔ mu no. Sɛ yebu nhoma horow no sɛ nea Onyankopɔn de ama na yɛnam so atrɛw nokware no mu a, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bɛmema nkurɔfo.
3 Ɛtɔ da bi a na nkurɔfo nni adagyew ampa bere a yɛkɔ-wɔn nkyɛn. So woaka pɛn sɛ: “Esiane sɛ wunni adagyew mprempren nti, ebia wobɛpɛ sɛ wugye nsɛmma nhoma abien yi? Wubetumi akenkan bere a woanya adagyew kakra na woanya ade foforo ho bɔ a Onyankopɔn ahyɛ no ho nimdeɛ pii. Ɛyɛ ntoboa mpɛsewa 60 pɛ.” Wɔde nsɛmma nhoma pii amema wɔ saa kwan yi so, na wɔaka nnipa pii a wɔnam yɛn nsɛmma nhoma no biako pɛ a wɔkenkanee so abehu nokware no ho osuahu ahorow akyerɛ.
4 Mmere bi wɔ hɔ a ɛda adi sɛ ɛmfata sɛ yɛde nhoma ma. Nanso sɛ yɛkae sɛ obi betumi akenkan nhoma no ma ɛho aba mfaso a, ɛnde sɛ ɛyɛ onipa a yɛkasa kyerɛ no no oo, onipa foforo bi a ɔwɔ fie hɔ oo, yɛbɛpɛ sɛ yɛde nhoma no ma bere biara a ɛfata.
5 July mu no yɛbɛma nkurɔfo akra Ɔwɛn-Aban wɔ yɛn daa afie afie dwumadi no mu. Bere a yɛada yɛn ho adi no yebetumi aka sɛ: “Atirimpɔw a yɛde baa wo nkyɛn nnɛ ne sɛ yɛbɛka ade foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ho asɛm akyerɛ wo. Sɛ yehu nsɛmmɔnedi, basabasayɛ ne akodi wɔ wiase mmeae horow a, ɛma yɛn kɔn dɔ sɛ nsakrae bi bɛba ma ɛde tebea horow bi a eye aba, ɛnte saa? (Ma kwan ma wommua.) Wɔ 2 Petro 3:11 no, yɛkenkan ɛbɔ a wɔahyɛ sɛ wobeyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ. Na hyɛ nea ɛbɛba no nsow wɔ nkyekyem 13 ha. (Kenkan nkyekyem no.) Onyankopɔn hyɛ nneɛma nhyehyɛe foforo, a trenee te mu, ho bɔ. (Ɛha no, sɛ ɛfata a, wubetumi de Adiyisɛm 21:1, 4 atoa so de aboa ofiewura no ma wasua Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho ade pii.) Yɛn ani gye sɛ yɛbɛboa nnipa te sɛ wo ma wɔasua Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho ade pii, na ade a ɛboa wɔ eyi yɛ mu ne nsɛmma nhoma yi.” Afei fa Ɔwɛn-Aban a wode rema no kyerɛ na da emu asentitiriw bi a ɛfa Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho adi.
6 Ɛtɔ da bi a yehyia nkurɔfo a wɔka kyerɛ yɛn sɛ wɔrehyia abusua asetra mu nsɛm bi a emu yɛ den. Ebia na wɔwɔ mmofra nkumaa anaa mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so. Ebia yɛbɛte nka sɛ Ɔkyerɛkyerɛ Kɛse nhoma no, Youth nhoma no anaa nhoma foforo bi bɛyɛ nea ɛfata saa nipa no titiriw. (Si ho gyinae.) Ebia ofiewura bi bɛkyerɛ sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onnye ɛbo a Bible som no ntom. Ebia Evolution nhoma no anaa Word of God nhoma no ho bɛba mfaso wɔ ha. Sɛ onii a yɛne no rekasa no ka sɛ obi awu abusua no mu a, ebia nsɛm a ɛwɔ Is This Life All There Is? nhoma no mu no bɛyɛ awerɛkyekye ama no. Ebiara mu no, ma ɛnyɛ wo botae sɛ wubefi adesua ase, ebia wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu.
7 Momma yɛmfa nhoma horow no mmoa asɛm a yɛde ano ka no, mfa mmua nsemmisa ahorow, anaa sɛnea ɛbɛyɛ na ofiewura no atumi asua pii bere a ɔwɔ adagyew. Yebetumi de adi dwuma sɛ nkɔmmɔbɔ ahorow nnyinaso ne nea ɛboa wɔ adesua horow yɛ mu. Yiw, nhoma horow no yɛ mmoa kɛse wɔ afie afie dwumadi, sankɔhwɛ, Bible adesua, mmɔnten so dwumadi mu, ne bere a yɛredi adanse bɔnnɔ so.
8 Na sɛ yehyia nnipa a wɔn ani gye ho ankasa nanso wonni sika a wɔde begye nhoma no nso ɛ? Mmere horow bi wɔ hɔ a ebia yɛbɛte nka sɛ ɛfata sɛ yɛde nhoma kyɛ. Nanso, yɛmpɛ sɛ yɛde nhoma kyekyɛ bere nyinaa, titiriw baabi a wɔnkyerɛ anigye titiriw biara. Na bere a ɛtɔ da bi a yɛde nsɛmma nhoma dedaw bi bɛhyɛ ɔpon no ase bere a obiara nni fie no, ebia eyi remfata wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu. Na sɛ woyɛ saa a, hwɛ sɛ wode nsɛmma nhoma no bɛhyɛ hɔ yiye a obiara nhu na ankyerɛ akorɔnfo sɛ obiara nni fie.
9 Kɔ so kyerɛ nhoma horow fɛfɛ a Yehowa ahyehyɛde de ma no ho anisɔ—na fa di dwuma.