Onyankopɔn A Yebedi No Ni Aware Mu
1 “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Heb. 13:4) Yehowa akoa biara nni hɔ a onnim eyi. Nanso, sɛnea yehuu no nnansa yi wɔ Yɛn Ahenni Som mu no, nnipa bɛyɛ 451 a wotuu wɔn afe biako mu no ɔha biara mu 97 yɛ awaresɛe anaa aguamammɔ nti. Dɛn ntia?
2 Aware yɛ nhyehyɛe a ɛho aba asɛm kɛse. Satan reyɛ nea obetumi nyinaa de asɛe no na ɔnam so abɔ Yehowa ahohora. Ɛno nti na nsɛm a emu yɛ den kɔ so wɔ aware mu. Ɛyɛ ampa bere a Bible bɔɔ kɔkɔ bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni sɛ wɔn a wɔware “ho behia wɔn ɔhonam mu” no. (1 Kor. 7:28) Dɛn na Kristofo betumi ayɛ? Nea edi kan no, hu nea ɛde nsɛm a emu yɛ den yi ba aware mu. Afei susuw afotu a Onyankopɔn de ma wɔ asɛm no mu no ho. Momma yensusuw nsɛm no kakra ho.
3 Sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, eyinom mu biako ne ɔbarima ne ɔbea nna a Bible frɛ no ‘aware aboade’ no. Bible tu okununom ne ɔyerenom nyinaa fo sɛ “mommfa mo ho nnkame mo ho.” Onyankopɔn Asɛm mma kwan sɛ ɔwarefo de eyi bedi dwuma sɛ nea ɔde twe ne hokafo aso anaasɛ ɔde da n’abufuw adi. Na ɛmma kwan nso sɛ wɔde bedi dwuma wɔ aware mu sɛ nea wɔnam so hwehwɛ hokwan ahorow bi anaa nea wɔnam so bisa biribi. Sɛnea ɛsɛ sɛ okunu ‘ma ɔyere nea ɛsɛ’ no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyere ‘ma okunu nea ɛsɛ.’ Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu bɛboa awarefo ma wɔahu nea wɔn mu biara hia na wɔadi ho dwuma wɔ saa asɛm a ɛho hia yi mu.—1 Kor. 7:2-5.
4 Wɔ adaemone a aguamammɔ ahyɛ wɔn ma no nkɛntɛnso ase no, nnɛyi wiase no reyɛ biribiara de akanyan akɔnnɔ a ɛmfata. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wonim obi sɛ ɔwarefo no nyɛ ahobammɔ bio wɔ nnipa a wodi ɔbrasɛe akyi no nnaadaa ho. Mmea awarefo te ahuhusɛm ne nkɔmmɔbɔ ahorow a ɛmfata wɔ wɔn adwuma mu da mũ nyinaa. Anuanom mmarima bi mpo ka wiasefo mmea a wɔhyɛ da ka kyerɛ Kristofo mmarima a wonim sɛ wɔyɛ awarefo sɛ ‘wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔn ho wɔ hɔ ampa’ ho asɛm. So wunim sɛ wo kunu anaa wo yere hyia sɔhwɛ a ɛte saa wɔ wiase? Dɛn na moreyɛ de aboa mo ho mo ho na moatumi agyina?
5 Sɛ ohyia awaresɛe ho sɔhwɛ a; ɛsɛ sɛ ɔwarefo susuw Yehowa ne ne hokafo no ho. Ɛsɛ sɛ kyerɛwsɛm yi ba yɛn komam, nea ɛka sɛ: “Nom w’abura mu nsu . . . [So] wo nsuaniwa bebu so afi adi ayɛ mmɔnten so asuten? . . . Wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, na tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi.” (Mmeb. 5:15-19) Okununom, so mote nka saa wɔ mo yerenom ho? Ɔyerenom, so moma mo kununom ani gye mo ho wɔ saa kwan yi so?
6 Sika nso yɛ ade biako a ɛde ɔhaw bɔ aware mu. Nanso, eyi fam no, bere a yɛayi su horow a ɛmfata te sɛ anihaw, sigaretnom, asanom bebrebe, mmaapɛ, ne ade, afi yɛn asetra mu no, Kristoni ho betumi ayɛ yiye asen ne mfɛfo a wɔyɛ wiasefo. Nanso, wɔ afie pii mu no, okunu ne ɔyere no nyinaa yɛ honam fam adwuma fi anɔpa kosi anwummere. Na ɔyerenom a wɔyɛ adwuma no binom bu ofie adwuma sɛ ade a wɔde aka wɔn adwuma ho. Wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa adwuma no bere a okunu no te hɔ renom beer na ɔrekenkan atesɛm krataa bere a wɔn baanu nyinaa akɔ adwuma aba. Ebinom fam no nea ɛde ɔhaw ba no ne sɛ ɔyerenom yɛ adwuma bere a wɔn kununom mpɛ sɛ wɔyɛ saa.
7 Ɛfata sɛ Kristofo bisa wɔn ho sɛ: So sika kakra a wobenya aka ho no ma nea wɔhwere wɔ eyi yɛ mu no fata? Ɛdenam atɛmpa a mode di dwuma, nhyehyɛe pa a moyɛ ne biakoyɛ so no, so mubetumi ama aduan ne ntade a mowɔ adɔɔ mo so na moamfa abusua no honhom mu ahiade ammɔ afɔre wɔ ɔhonam fam nneɛma akyidi mu anaa?—1 Tim. 6:6-10; Heb. 13:5.
8 Mpɛn fi no nea wɔn a wɔde wɔn ɔdwene kɔ ɔbea anaa ɔbarima foforo so ka ne sɛ wɔn ahokafo nhwɛ wɔn ahosiesie so yiye. Ampa, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya obi a ɔnhwɛ n’ahosiesie so yiye, anaa obi a esiane sɛ ɔnhwɛ ne ho so yiye nti ne nipadua a na ɛyɛ ne hokafo fɛ no asɛe no ho anigye. Ɛho nhia sɛ wɔka eyi ho asɛm kyerɛ Kristofo dodow no ara, nanso ɛte sɛ nea ɛho hia sɛ wɔkae ebinom. Na ɛfata sɛ okununom Kristofo nso kae sɛ mo yerenom rentumi mfi ase ne wiasefo mmea nsi kane wɔ wɔn ahosiesie mu. Bible hyɛ nyansa sɛ mmea “nhyɛ ntade a ɛsɛ.” Nanso etu fo nso sɛ ɛnsɛ sɛ wosi mmɛsawɔw, sikahyɛ ne ntade a ne bo ye den so dua dodo.—1 Tim. 2:9.
9 Aware yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, na obiara a ogu ho fĩ no bɔ Onyankopɔn ahohora. Aware mu asɛm a emu yɛ den biara nni hɔ a ɛma ahohwibɔ ho kwan. Yehowa ka sɛ: ‘Metan awaregu’ ne sɛ ‘ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo.’ Ɔmma mpenatwe biara ho kwan bere a n’Asɛm da no adi sɛ ‘wo yere mpokua nkutoo na ma ɛnsɔ w’ani daa, na ne dɔ mu nkutoo na ɛsɛ sɛ wotɔ ntintan’ no. (Mmeb. 5:15-20) Yehowa kyi nguaman ne awaresɛefo, na “obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”—Mal. 2:15, 16; Mat. 5:28.
10 Aware nyɛ nea esiw ɔbrasɛe nyinaa ano. Nea ɛwɔ obi komam no na ehia. (Marko 7:20-23) Enti, mo awarefo, momma Yehowa ho suro a emu dɔ ne nokware dɔ a egyina nnyinasosɛm so ma mo ahokafo nka mo mma munkura aware asetra a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam mu.