Honhom Mu Gyinabea Pa Mu A Yebekura Wɔ Sikafam Ahokyere Mu
1 Da biara da no nnipa pii ba behu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase nni nea wɔfrɛ no “asetra pa” bere mu. Wiase nsɛm a ɛhaw adwene mu reyɛ den kɛse na wiase mpanyimfo ntumi nyɛ ho hwee. Wiase nyamesom ahorow no nso ntumi nsiw ano. Ɛyɛ nokware sɛ adesamma ntumi nhuu “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” de, nanso ɛnte saa wɔ Yehowa nkurɔfo ho. (Mat. 16:2, 3) Yɛn de, esiane sɛ yenim sɛ wiase nsɛm tebea a emu reyɛ den bere nyinaa no kyerɛ sɛnea Onyankopɔn ahenni a wɔde besi hɔ wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu no abɛn nti, yɛde ahotoso rehwɛ daakye kwan.—Luka 21:10, 11, 25, 26, 29-32.
2 Yehowa nyɛ nyaa wɔ N’asɛm a ɔma ɛbam no ho, nanso, ansa na nneɛma nhyehyɛe yi bedu ne sɛe mu koraa no yɛn nyinaa behu sɛnea asɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 14:22 no yɛ nokware fa no pefee a akyinnye biara nni ho: “Etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Asetra mu a ayɛ den mmoroso wɔ yɛn man yi mu ne mmeae horow no yɛ saa amanehunu no fa. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ, sɛnea Yehowa maa ɔhaw ahorow a ɛbaa Misraim so no mu abiɛsa kaa Israelfo no, saara nso na ahokyere a ɛwɔ hɔ mprempren yi bi bɛka Yehowa nkurɔfo nso. Ɛwom sɛ efi ɔhaw a ɛto so anan no so rekɔ no Yehowa maa nsonsoe bɛdaa Israelfo ne wɔn atamfo no ntam. (Ex. 8:22) Saa nso na nnɛ Yehowa ma nsonoe da ne nkurɔfo ne wiase no ntam denam N’asɛm a ɔma ɛbam no so: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”—Heb. 13:5, 6.
3 Sɛ asetra mu kɔ so yɛ den dɛn ara a, Yehowa nokware asomfo nyinaa behu ne mmɔborohunu ne sɛnea ofi ayamye mu hwɛ yɛn mu biara so no ho adanse kɛse. (1 Pet. 5:7) Bere a mfirihyia abiɛsa ne fa mu no ɔkɔm baa Israel no, so Yehowa Nyankopɔn amma nkwaakwaadabi ammrɛ Elia aduan, na so wamfa Sarefat bea kunafo no so amma no aduan bere a tebea horow no mu yɛɛ den no? Yiw, ɔbea no asikresiam kuruwa biako ne ngo pɔre kakraa bi pɛ no ansa na ɔkɔm no baa awiei. (1 Ahe. 17:14) So Onyankopɔn a ɔnsakra da no remmoa nkurɔfo a ne din da wɔn so nnɛ no saa ara anaa?—Mat. 6:25-33.
4 Hwɛ nhwɛso a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ ama yɛn sɛ ɛde ne ho to tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛma yɛanya nea yehia no so koraa! Bere a wofii ase tintim Sion Ɔwɛn-Aban no wɔ afeha a ɛto so dunkron no awiei hɔ no, nea ɛto so abien (August 1879 de) no sii gyidi a na wɔwɔ no so dua sɛ, Yehowa gyina Ɔwɛn-Aban no akyi, na ɛtoaa so kae sɛ “esiane sɛ eyi te saa nti ɛrensrɛsrɛ sika na ɛrenhwehwɛ nnipa hɔ mmoa nso da.” Na wɔdaa saa asɛm a ɛhyɛ gyidi den yi adi sɛ: “Bere a nea ɔka sɛ: ‘Me na dwetɛ wɔ me, na sika a ɛwɔ mmepɔw mu nyinaa yɛ me de,’ no ntumi mma yennya sika a yehia no, yɛbɛte ase sɛ bere adu sɛ yegyae nhoma no tintim.” (Hag. 2:8) So Yehowa hyiraa wɔn ho a wɔde too ne so no so? Abakɔsɛm kyerɛ saa. Mfirihyia ɔha a atwam fi bere a wofii ne tintim ase no, ɛmmae da sɛ wɔantumi antitim bi esiane sika a enni hɔ nti. Enti, nya gyidi wɔ tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛboa ma ne nkurɔfo anya nea ehia wɔn no mu, na nnwennwen wo kra ho dodo.
5 Nanso, ma ɛntra w’adwenem sɛ, “sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnidi nso.” (2 Tes. 3:10) Ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ mmɔdenbɔfo. Nanso so ɛsɛ sɛ honam fam adwuma a yɛyɛ de didi no gye yɛn bere nyinaa a yennya bi nsom Onyankopɔn? Esiane sɛ ahokyere rekɔ anim nti nneɛma pii gye yɛn bere. Ne saa nti ɛho hia kɛse sɛ ‘yɛtɔ bere’ ma nhyiam horow, asɛnka adwuma, abusua adesua horow ne da biara da asɛm ho nkɔmmɔbɔ, kokoam adesua a ankorankoro yɛ, koom-yɛ a wɔde susuw nneɛma ho, ne nea ɛtete saa. Anidahɔ ho hia wɔ eyi nyinaa mu na yɛatumi akɔ so ‘asɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.’—Fil. 1:10.
6 Asetra mu den kɛse a ayɛ wɔ wiase no ama ebinom ani abere yiye na wɔyɛ nneɛma a ɛmfata wɔ nnwuma ne aguadi mu. Nanso ada adi mpɛn pii sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 20:17 no yɛ nokware: “Aduan a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyiri no, mmosea yɛ n’anom ma.” (Fa toto Mmeb. 28:20 ho.) Kristoni a ɔkari pɛ no kura ne honhom mu yiyedi mu wɔ tebea horow a ɛsɔ ne gyidi hwɛ mu.
7 Ɛdefa nea wubetumi ayɛ ankasa de agyina nnɛyi mmere a emu yɛ den no ano no ho no, yɛsrɛ wo, hwɛ Borɔfo Nyan!, January 22, 1980, kratafa 9 kosi 13. (Anaasɛ Twi Nyan!, August 8, 1980, kratafa 11-14)
8 Obi a ɔkari pɛ honhom mu nso ne obi a osusuw yɔnko gyidifo a wohyia tebea ahorow a emu yɛ den yiyedi ho. (1 Yoh. 3:17, 18) So wubetumi ayɛ pii wɔ eyi fam anaa?
9 Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛtwe bɛn Yehowa kɛse na yekura yɛn honhom mu yiyedi mu. Ɛkyerɛ yɛn nkwa ankasa. Ɛno nti, nnɛyi sikafam ahokyere no nyinaa akyi no, nya akokoduru, na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa, a ne werɛ mfi ade da no, bɛkae wo dɔ ne mmɔden a wobɔe ne din ho no.—Heb. 6:10.