Asemmisa Afa
● Bere a onua bi tu fi asafo biako mu kɔ foforo mu no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ foforo yi mu no te fi dedaw no hɔ wɔ ne ho?
Mpanyimfo ani kũ asafo no honhom mu yiyedi no, enti sɛ onua bi retu akɔ asafo foforo mu a, wɔpɛ sɛ wɔhwɛ sɛ ɔbɛkɔ so akura Yehowa som mu wɔ nokwaredi mu. (Aso. 20:28) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ dedaw no mu no de onua a ɔrekɔ asafo foforo mu no Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ Kratasin ma no. Wɔbɛpɛ sɛ wɔma no krataa tiaa bi a ɛbɛda no adi akyerɛ asafo foforo no. Sɛ ebia mpanyimfo no reboa no wɔ biribi a ɛhaw no ho a, wɔbɛpɛ sɛ wɔka kyerɛ asafo foforo no mu mpanyimfo no na wɔatumi akɔ so aboa no honhom mu. (Hwɛ or krat. 168, nky. 1) Sɛ ɔyɛ ɔpanyin anaasɛ asafo mu somfo a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔ krataa no mu sɛ ebia wɔkamfo no kyerɛ ma wakɔ so asom saa wɔ asafo foforo no mu. Nanso, sɛnea ɛte biara no, asafo foforo yi mu mpanyimfo na wobesi gyinae sɛ ebia wɔbɛma onua yi asom sɛ ɔpanyin anaasɛ asafo mu somfo. (Sɛ ɛba sɛ asafo dedaw no rentumi nkamfo no mma asafo foforo no sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo a ɛbɛyɛ ayamye sɛ wɔma ohu nea wɔakyerɛw.) Sɛ onua bi tu kɔ asafo foforo bi mu na ɛhɔ mpanyimfo no nsa anka krataa biara a ɛfa ne ho a, wobetumi akyerɛw asafo a onua no fii mu bae no.