Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa Ne Nhoma Kɛse So.
1 “Ahenni Asɛm” nkratawa a ekura nsɛntitiriw a yɛde mema no abɛyɛ nea yɛtaa yɛ wɔ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu. September ne bosome titiriw a yɛde asi hɔ ama eyi. Sɛ anka ɛbɛyɛ dadu pɛ no, yɛde bosome no nyinaa na ɛbɛyɛ saa adwuma yi. Yɛhyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wommu saa adwuma yi sɛ ade a ɛho hia, na asafo no mufo nyinaa mfa wɔn ho nhyem.
2 Wɔahyɛ da asiesie Ahenni Asɛm nkratawa yi yiye a ɛka nneɛma a ɛhaw adesamma ho asɛm na ɛdan ɔkenkanfo no adwene kɔ Onyankopɔn ahenni so sɛ ɛno na ebetumi ayi ɔhaw ahorow no afi hɔ. Ɛha no nea ɔredi ɔfa yi ho dwuma no betumi de kratawa no akyerɛ atiefo, na wakyerɛ emu nsɛntitiriw a wobetumi de adi dwuma, na wama wɔayɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien bi, de akyerɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so de kratawa no ama ma atu mpɔw.
3 Wobetumi de nhoma a ekura nkratafa 384 anaa 416 no ama ma ɛde kratawa no ho nkɔmmɔbɔ no aba awiei fɛfɛ. Ɔdawurubɔfo no betumi aka sɛ, “Saa nhoma yi (bɔ din) ka nhyira horow a Yehowa Ahenni no de bɛba ne sɛnea ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ no ho nsɛm pii. Sɛ nhwɛso no, wɔ kratafa . . . (paw asentitiriw bi a ɛhyɛ nkuran ankasa a ɛwɔ nhoma no mu na egyina kyerɛwsɛm so.) Nhoma no yɛ ¢4.00 pɛ. Kratawa no de wuntua hwee wɔ ho.”
4 Asɛnka no betumi ayɛ tiatiaa, na esiane sɛ mo asafo no nsa aka nkratawa no pii nti yɛpɛ sɛ yetumi yɛ asasesin no fã kɛse no ara mu adwuma bosome yi sɛnea yebetumi. Nanso, beae a wɔkyerɛ ho anigye yiye no, wubetumi de bere pii adi dwuma, na sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a woafi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Baabiara a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe, wɔ dapɛn no ara mu, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, na nnipa a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa anya ɔsatu titiriw yi ho mfaso kɛse.
5 Wɔ mmeae horow a wuntumi mfa nhoma no mma no, ebia wobɛpɛ sɛ wode nsɛmma nhoma a aba nnansa yi ma wɔ ɔkasa a ofiewura no ani gye ho mu. Baabi a nkratawa no nkutoo na wogyei mpo no, kyerɛ anigye koro no ara wɔ nnipa a wɔte saa ho. Yɛn nuanom pii atumi afi adesua ase wɔ nsrahwɛ a ɛtete sɛɛ mu denam nsɛm a ɛwɔ kratawa no mu a wɔne ofiewura no kenkan na wɔbɔ nkyerɛw nsɛm a efi Bible mu a ɛfa ho no ho nkɔmmɔ so.
6 Sɛnea ɛbɛyɛ na asafo no mufo nyinaa ani agye sɛ wobenya nkratawa kyekyɛ no mu kyɛfa bosome yi no, yɛ osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wunya bere a wokɔ afie ne afie mu ho kyerɛwtohɔ na ka kyerɛ wo nuanom bere biara a wubenya hokwan. Hokwan ahorow yi mu biako betumi ayɛ bere a wɔrewie ɔsom nhyiam a wɔbɛyɛ no dapɛn a efi ase September 21 no mu no.
7 Afei nso, wubetumi aka wo suahu ahorow a ɛfa nkratawa kyekyɛ no ho no wɔ mmeae foforo. Sɛnea ɛbɛyɛ na akanyan yɛn nuanom mmarima ne mmea ma wɔde wɔn ho ahyɛ daakye “Ahenni Asɛm” nkratawa kyekyɛ mu no, ɛbɛyɛ yɛn anigye sɛ mobɛkyerɛw osuahu ahorow a mubenya wɔ saa ɔsatu yi mu no abrɛ yɛn wɔ baa dwumadibea ha. Bere a yɛn nsa aka no yebetumi ayɛ nhyehyɛ na yɛaka akyerɛ anuanom a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nyinaa.