Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma October mu: New World Translation ne nhoma ketewaa a aba nnansa yi no de agye ¢12.40. November: Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm, de agye ¢10.00. December: Engiresi Nyan! nsɛmma nhomakra, de agye ¢10.00. (Ɛho nhia sɛ wɔde nhomawa ka ho sɛnea September Yɛn Ahenni Som kyerɛ no.) Twi de no bɛyɛ ¢5.00. January: Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra. Nea ɛba dapɛn abien biara no bɛyɛ ¢10.00, na nea ɛba bosome biara no nso bɛyɛ ¢5.00.
● Asasesin a Ɛnyɛ Obiara De mu Dwumadi Fi Ase: Ɛsɛ sɛ asafo horow a woreyɛ nsasesin a ɛnyɛ obiara de mu adwuma no yɛ mu adwuma yiye, na wɔde bere pii yɛ adwuma bere biara a wɔbɛkɔ hɔ, esiane akwantu den a ayɛ no nti. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ nsasesin a ɛtete saa mu adwuma no de wɔn adwene kɔ wɔn ankasa nsasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no so wɔ saa bere yi mu.
● Ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma so ahwɛfo hwɛ sɛ ebia wɔn asafo no nsa ka nsemma nhoma a esua dodo anaasɛ ɛdɔɔso dodo na wɔyɛ nsakrae a ɛfata, de M-202 kratasin a wɔahyehyɛ no fɛfɛ brɛ Asafo ti no.