Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/80 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1980
Yɛn Ahenni Som—1980
km 12/80 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma December mu: Nyan! nsɛmma nhoma kra, nea ɛba dapɛn abien biara no yɛ ¢10.00, na nea ɛba ɔsram biara no nso yɛ ¢5.00. January: Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma kra. Dapɛn abien biara de no yɛ ¢10.00 na nea ɛba ɔsram biara yɛ ¢5.00.

● Yɛrema moate sɛ, efi May 22, 1980, no, Raymond Victor Franz nyɛ Sodikuw no ne Brooklyn Betel abusua no muni bio.

● Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara a ɔpɛ sɛ ɔkɔsom faako a mmoa kɛse ho hia no de krataa kɔma asafo no mu ɔsom boayifo kuw no, a nsɛm a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma, kratafa 129 ka ho. Obiara a wontumi nkamfo no mma saa dwumadi yi no, ɛsɛ sɛ wofi ayamye mu kyerɛ no nea enti. Sɛ wɔde krataa no rebrɛ Asafo ti a, ɛsɛ sɛ ɔsom boayifo no de wɔn nsa hyɛ ase anaasɛ wɔde wɔn ankasa krataa ka ho. (Nhyehyɛe a ɛte saa ara ma akwampaefo wɔ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 131.)

● Mubetumi akra 1981 Afe Nhoma ne 1980 Watchtower ne Awake! a wɔakra abom no mprempren, ɛwom sɛ yɛn nsa renka Afe Nhoma no kosi bɛyɛ February mu, na nsɛmma nhoma a wɔaka abom no taa bedu bɛyɛ May mu de. Yɛsrɛ mo, momfa sika nka ho. Afe Nhoma no biako yɛ ¢4.00, na akwampaefo bo yɛ ¢1.00. Wobetumi akra bi kwa ama akwampaefo a na wɔwɔ akwampae adwuma no mu July 1, 1980. Nsɛmma nhoma a wɔaka abom no biako yɛ ¢12.00 afei.

● Wɔ October 1980 Yɛn Ahenni Som no mu no yɛdaa baguam ɔkasa ahorow a wɔbɛma wɔ asafo horow mu January ne February, 1981, a egyina Happiness​—How to Find It nhoma so adi. Wɔhyɛ anuanom a wɔbɛma saa kasa horow yi nkuran sɛ womfi ase nsua, sɛ wonnya mfii ase a. Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ wɔremfa nsɛm a wɔahyehyɛ a wobegyina so ama saa kasa horow yi mma, enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛma no gyina nsɛmti a wɔde ama ne ti ahorow a wobesusuw ho no so siesie ɔkasa no. Mubetumi ahu eyi wɔ October Yɛn Ahenni Som no kratafa 3 hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena