Nkaebɔ Horow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: February ne March: nhoma nketewa no biako. Sɛ mowɔ eyinom bi a yɛhyɛ nyansa sɛ momfa nni dwuma: So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ? wɔ Twi mu, Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Ewe ne Twi mu, Onyankopɔn Daa Atirimpɔw wɔ Ewe mu ne Nokware nhoma no wɔ Ga mu. April ne May: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra.
● NKAEDI: Afe yi Nkaedi no ba Yawda, April 8, bere a owia akɔtɔ. Yɛn Ahenni Som a edi hɔ no de Bible afã horow a yɛbɛkenkan wɔ Nkaedi dapɛn no mu bɛma. Yɛ nhyehyɛe mprempren na woanya bere akenkan ne nyinaa.
MPANYIMFO: Yɛsrɛ mo monkra Nkaedi ho nkratasin no mprempren wɔ kasa horow a muhia mu. 100 biara yɛ ¢2.40. Ɛsɛ sɛ mode sika ka ho kra.
● AKWAMPAEFO BOAFO ADWUMA: Wɔhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe na moatumi anya akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa March ne/anaa April mu. Ka wo nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ asafo no mu. Ebia wɔn ani begye sɛ wɔbɛka wo ho. Ɛbɛyɛ papa sɛ mpanyimfo hyɛ akwampaefo boafo adwuma a wɔbɛyɛ no March ne April mu ho nkuran. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobetumi ayɛ bi no gye akwammisa nkrataa fi ɔkyerɛwfo no nkyɛn.
● NHOMA HOROW A ƐWƆ HƆ MPREMPREN: Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn—Ewe, Ga. Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm—Twi. Let Your Kingdom Come—Borɔfo. New World Translation of the Holy Scriptures (1981 de no)—Borɔfo. Kingdom News No. 30 (So Asase Okyinsoromma Awiei Abɛn?)—Borɔfo.
● CASSETTE TAPES A ƐWƆ HƆ MPREMPREN: Kingdom Melodies (Ahenni Nnwom) Ɔfã II (cassette biako) , Luka Asɛmpa wɔ Borɔfo mu (cassette abien) , 1 Korintofo (cassette biako) . 2 Korintofo ne Galatifo (cassette biako) . Petro nhoma 1 ne 2, Yohane nhoma 1, 2, ne 3 ne Yuda (cassette biako) , Adiyisɛm (cassette biako) . Ne nyinaa yɛ Borɔfo. Kae, eyinom yɛ nea ɛsɛ sɛ sika ka ho bere biara a wɔrekra. Monhwɛ mo Cost List mu na moahu ɛbo a wɔde gye bere biara a morekra.