Nkaebɔ Horow
● Ɛsɛ sɛ ahwɛfo guamtrafo ne akyerɛwfo hwɛ sɛ ebedu saa bere yi wɔde wɔn a wɔbaa Nkaedi no ho Amanneɛbɔ nkratasin amana Asafo ti no. Sɛ monyɛɛ saa a, yɛsrɛ mo monyɛ no mprempren.
● Nhoma a yɛde bɛma April ne May mu: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra. Nea ɛba daa ɔsram-fã no yɛ ¢28.00 na nea ɛba daa ɔsram no yɛ ¢16.00. Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ nea ɛba ɔsramfã biara no asram asia de a wɔkra no bo yɛ ¢16.00. Wontumi nkra nea ɛba ɔsram biara no asram asia. June ne July: Nhoma nketewa no biako, de agye ¢5.00. August: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, de agye ¢20.00.