Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/82 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1982
km 8/82 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● NHOMA A YƐDE BƐMA: August​—Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, ¢20. September​—Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ¢5. October ne November​—New World Translation of the Holy Scriptures ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa no de agye ¢26. December ne January​—Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaasɛ n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra.

● Yɛda so ara wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no pii wɔ Twi mu. Hwɛ sɛ wode Twi de no bɛma wɔ baabiara a ɛfata. Nea ɛwɔ hɔ bio nso ne; “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni Mu Atoro”​—Ewe, Ga ne Twi.

● LITERATURE INVENTORY: Wɔde nkratasin a wɔde bɛkan nhoma horow a ɛwɔ asafo biara mu no amana. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo hwɛ ma wɔkan nhoma no nyinaa September 1 na ɔde kratasin a wɔahyɛhyɛ no biako mana asafo ti no ntɛm. Ebia eyi a morenyɛ no remma mo nsa nka nhoma afoforo a mokra.

● ASƐNKA ADWUMA NKONTAABU: Eyi ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsom afe no mu. Hwɛ sɛ wubenya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma no mu na wode wo nkontaabu aba ntɛm. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo a wɔn asafo horow bɛkɔ ɔmantam nhyiam efi September 2 kosi 5 no gyigye nkontaabu no nyinaa Kwasida, August 29 na wɔyɛ asafo nkontaabu no ho adwuma. Afei ɛsɛ sɛ wɔde nkontaa bu no mana Asafo ti no ansa na wɔafi fie akɔ nhyiam no. Ɛsɛ sɛ asafo horow nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nkontaabu bɛmana ansa na Dwoda, September 6 adu.

● ASASESIN A WƆMFA NHYƐƐ ‘OBIARA NSA MU’ DWUMADI: Ɛsɛ sɛ asafo horow a wɔmfaa wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi ho akwammisa krataa mmae no yɛ saa MPREMPEN. Afei nso, wɔhyɛ dodow a wobetumi nyinaa nkuran sɛ wobebisa hokwan akɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu sɛ akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampaefo akuw. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo a wɔn ani gye ho no hwehwɛ wɔn a wɔne wɔn bɛbom akɔ na wɔkyerɛw Asafo ti no sɛnea yɛn krataa CSN May 18, 1982 no kyerɛ no.

● ƆMANTAM NHYIAM DWUMADI: Drama ahorow a wɔbɛyɛ wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam hyiam no ase no biako gyina Yeremia nhoma a ɛwɔ Bible mu no so. Wɔ ahosiesie ma saa drama no mu no, yɛhyɛ nyansa sɛ obiara nkenkan Yeremia ti 19, 20, 26-28, 35, 36, 38 ne 45.

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe wɔ asafo no Ɔsom Nhyiam dwumadi no mu ma wɔbɔ nhyiam ase nsɛntitiriw ho nkɔmmɔ. Ne saa nti wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ kyerɛwtohɔ wɔ nhyiam no ase na watumi anya ntimũ mu kyɛfa.

● Nnwom a wɔbɛto wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam Horow ase ne: 95, 21, 76, 109, 51, 92, 91, 10, 65, 88, 82, 55, 71, 19, 29, 33, 39, 105, 62 ne 110.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena