Mmoa A Efi Soro
Bere tenten a atwam ni wɔ odiyifo Yesaia nna no mu no, Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn no sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo ntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yes. 41:10.
Ɛnnɛ, Yehowa ama ne bɔ a ɔhyɛɛ ne nkurɔfo a ɔpaw wɔn no abam. Ɔka yɛn ho wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu. Yenntwitwa yɛn ani nnhwehwɛ mmoa mmfi baabi foforo. Yɛwɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mu ahotoso. Ɔde ne nokware no awowaw yɛn na waboa yɛn denam kyerɛ a ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so no so. Ɔde ne trenee nsa nifa no aso yɛn mu na yɛanhwe ase.
Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa yɛn na ahyɛ yɛn den bio no, wɔayɛ nhyehyɛe foforo a wɔnam so bɛhyɛ asafo horow no den denam mpanyimfo a wɔapaw wɔn no so. Wɔbɛyɛ eyi denam amansin so ahwɛfo no so. Efi September, 1982 no, wɔde nhyehyɛe a edi so yi bedi dwuma.
Wɔ ne nsrahwɛ a efi ase wɔ September, 1982 mu no, ɔmansin sohwɛfo no begye bere ne ɔkyerɛwfo no ayɛ adwuma na waboa no ma wahyehyɛ n’adwuma no yiye. Eyi bɛboa ma nkitahodi wɔ asafo no mu ne akyi atu mpɔn.
Ne nsrahwɛ a efi ase February, 1983 no, ɔne ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛyɛ adwuma. Eyi bɛhyɛ asafo no dwumadi wɔ asɛnka mu no den efisɛ ɔbɛboa no ma wate n’adwuma no ase na wayɛ no yiye.
Efi September 1983 rekɔ no, ɔde n’adwene bɛkɔ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no ne n’aboafo so. Eyi bɛma nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no atu mpɔn. Obedu Ɔwɛn-Aban adesua sohwɛfo ne nhoma adesua so ahwɛfo so efi February, 1984 rekɔ. Eyi bɛboa anuanom no wɔ nimdeɛ a edi mu ne Kristofo onyin mu, na ahyɛ wɔn gyidi ne anidaso den.
Momma yɛn nyinaa mfa nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no nni dwuma mfa nhyɛ yɛn ho den wɔ gyidi no mu na yɛatumi agyina pintinn wɔ mmere a emu yɛ den yi mu.