Kamfo Onyankopɔn Nsɛm No Kyerɛ Nokwaredi Mu
1 “W’asɛm no yɛ nokware.” Yesu Kristo na ɔkaa saa asɛm yi wɔ Onyankopɔn Asɛm no ho. Ná ogye nea ɔka no di efisɛ n’asetra wɔ asase so nyinaa da nokwasɛm no adi sɛ ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ, mmoa ne nkuranhyɛ fii Onyankopɔn Asɛm no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wonkura Onyankopɔn Asɛm no mu, nka nkyerɛ na wɔmfa nkyerɛkyerɛ nokwaredi mu. Enti na wotumi ka wɔ afeha a edi kan no mu Kristofo ho sɛ: “Munyaa Onyankopɔn . . . asɛm no . . . mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.” Te sɛ Yesu no, wɔde nokwaredi kuraa Onyankopɔn Asɛm no mu.—Yoh. 17:17; 1 Tes. 2:13.
2 Ɛnnɛ, nokware Kristofo nsa aka Onyankopɔn Asɛm no a wɔaka ne nyinaa abom ayɛ no nhoma biako, na ayɛ nhyira ama wɔn sɛ wɔte bere a nnɛyi tintim mfiri ahorow a ɛde ahoɔhare kɛse tintim nneɛma gu so tintim ɔpepem pii a ɛyɛ nkyerɛase ahorow ahorow wɔ kasa horow mu afe biara wɔ wiase nyinaa. So ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ ne nokwaredi ma Onyankopɔn Asɛm no ka yɛn ma yɛka ho asɛm kyerɛ na yɛde mema anaa? Akyinnye biara nni ho. Ɛno nti na, ɛdenam nhyehyɛe a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ so no, wɔde October ne November asram no asi hɔ sɛ asram atitiriw a yɛde New World Translation of the Holy Scriptures no bɛmema, a nhomawa Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn—So Wɔboa Yɛn anaa Wodi Yɛn Awu? ka ho. Wɔkaa saa dwumadi yi ho asɛm asram kakra a atwam ni. Enti yɛwɔ awerɛhyem sɛ mo asafo no wɔ saa nhoma yi bi a ɛbɛboa obiara ma wanya saa adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa.
3 Esiane sɛ nnipa pii wɔ Bible dedaw nti, dɛn nti na wonhyɛ wɔn nkuran mma wonnye New World Translation no bi? Sɛnea wobɛkae wɔ “Ahenni Nokwaredi” ɔmantam nhyiam no ase afe a etwam no mu, ne March 15, 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu no, nsɛntitiriw anan bi wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɛbo a New World Translation no som no ho anisɔ.
4 Nea edi kan, esiane sɛ tete Bible ankasa a wɔde nsa kyerɛwee a akyɛ na wotumi de ho to so no pii wɔ hɔ nnɛ nti, nnɛyi nkyerɛase a egyina eyinom so boa yɛn ma yɛte Bible no ase yiye. Nea ɛto so abien, mfitiase kasa horow a wɔde kyerɛw Bible no asete akɔ anim kɛse nnɛ. Enti kasa horow yi ho nimdeɛ a akɔ anim no ma wotumi yɛ nkyerɛase horow a ntease wom kɛse.
5 Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ nsakrae horow aba kasa horow a wɔde kyerɛɛ Bible no ase no mu bere a mfe no rekɔ no. Sɛ nhwɛso no, Engiresi kasa no asakra kɛse fi afeha a ɛto so 17 a wɔyɛɛ King James Version ne Douay Version no. Na nea etwa to na ɛho hia sen biara ne Bible no ankasa a asekyerɛfo no bɛte ase yiye.
6 Yɛrentumi mmu ani ngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nyamesom gyidi horow a ɛnteɛ anya Bible asekyerɛfo pii so tumi no so. Nhwɛso biako a ɛda adi kɛse ne baabi a wɔannyina Onyankopɔn Asɛm no akyi nokwaredi mu wɔ dwuma a ɛde Onyankopɔn din ankasa, a ɛne Yehowa, di no mu no. Mpɛn pii na wɔahyɛ da akata so. Enti nkurɔfo hia nkyerɛase a ɛda asɛm no adi pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛte wɔ mfitiase kasa horow no mu no.
7 Anigye bɛn ara na ɛsɛ sɛ yenya sɛ yɛwɔ nkyerɛase a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛda biribiara adi pɛpɛɛpɛ! Ɛho hia sɛ yɛma nkurɔfo nsa ka New World Translation no. Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so de ama wɔ afie afie? Akyinnye biara nni ho sɛ akwan horow wɔ hɔ a atu mpɔn wɔ mo asasesin mu. Sɛ́ nyansahyɛ no, wubetumi asɔ nea edi so yi ahwɛ, denam Nkɔmmɔbɔ Asɛmti dedaw no a wode bedi dwuma no so:
8 “Maakye, wɔfrɛ me . . . na ɛyɛ me dɛ sɛ mabɛto wo wɔ fie. Nea enti a mebae ne sɛ me ne wo bɛbɔ nea Bible da no adi sɛ ɛno na ebeyi adesamma haw ahorow nyinaa afi hɔ no ho nkɔmmɔ. Sɛnea ebia woahu no, mmɔden a nkurɔfo bɔ sɛ wɔde nsakrae bɛba no nyinaa akyi no, anim ara na yɛn haw ahorow no kɔ. [Ma nhwɛso biako anaa abien.] Wususuw sɛ ɔhaw ahorow yi befi hɔ da bi? [Ma kwan ma ɔnkyerɛ n’adwene.] Hyɛ asɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ Bible mu nsow. [Kenkan Adiyisɛm 11:17, 18] So wuhuu nea ɛde nsakrae bɛba no? Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no, na ɔnam so ayi nsɛmmɔnedi, pɛsɛmenkominya, efĩ, ɔkɔm, akokoakoko ne ade afi so. Ɔkwan bɛn so? Denam n’ahenni no so. Wɔ Mateo 6:10 no, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ, ‘W’ahenni mmra.’ So wobɛpɛ sɛ wuhu ɔkwan a eyi bɛfa so aba? Esiane sɛ mmuae no wɔ Bible mu nti, mɛpɛ sɛ mede nnɛyi Bible nkyerɛase yi biako ne saa nhomawa yi a ɛfa ɔkwan a yebetumi afa so anya ahonhom a aniwa nhu wɔn ho ahobammɔ nnɛ ho no ma wo. N’abien no yɛ ¢26.”
9 Odwontofo no kae sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) So saa na Onyankopɔn Asɛm no te ma wo anaa? Ɛnde na ɛsɛ sɛ wode nokwaredi kamfo kyerɛ. Ɛnde na ɛsɛ sɛ wusua na wode di dwuma wɔ w’asetra mu. Ɛnde na ɛsɛ sɛ woma ɛkyerɛ w’abrabɔ kwan wɔ ɔbrasɛe wiase yi mu. Ɛkyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ woka Bible no ho asɛm, de kyerɛkyerɛ na wode mema bere biara a wubenya hokwan. Saa na Yesu ne tete Kristofo no yɛe. Momma yɛnyɛ saa ara ɔsram yi, ɔsram a edi hɔ no, ne bere nyinaa. Kae sɛ wode New World Translation of the Holy Scriptures no ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa no bɛma.