Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/82 kr. 3
  • Nsɛmma Nhomakra A Ɛrewu Ho Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmma Nhomakra A Ɛrewu Ho Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1982
km 12/82 kr. 3

Nsɛmma Nhomakra A Ɛrewu Ho Nhyehyɛe

1 Yɛafi nsɛmma nhomakra ho ɔsatu foforo ase, na akyinnye biara nni ho sɛ, worebɔ mmɔden sɛ wubenya bi. Ɔkwan a eye sen biara a wɔnam so nya nsɛmma nhomakra foforo ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ afie afie dwumadi mu. Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ wode wo ho rehyɛ afie afie nhyehyɛe no mu yiye. Nanso, yɛmpɛ sɛ yebu ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a yebetumi anya nsɛmma nhomakra fi wɔn nkyɛn titiriw ne wɔn a wɔakra bi pɛn no so. Enti yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mo nkuran ma mokɔ wɔn a wɔnam mo so akra bi pɛn no nkyɛn, sɛ́ ebia nea wɔkrae no da so ba, ɛrewu anaasɛ awu dedaw.

2 Wɔde KRATASIN A WƆSAN DE KRA no hyɛ nsɛmma nhoma no mu bɛyɛ asram abien ansa na nea etwa to a onii nsa bɛka no aba. Eyi ma wotumi san kra wɔ bere pa mu na wɔanhwere nsɛmma nhoma no mu biara.

3 Wɔde NSƐMMA NHOMAKRA A ƐREWU HO SANKƆHWƐ KRATASIN mana asafo horow no nso bɛyɛ asram abien ansa na nsɛmma nhoma a wɔakra no awu. Sɛ nsa ka eyinom a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ nsɛmma nhoma krafo no nkyɛn ntɛm na nsɛmma nhoma a wɔn nsa bɛka no daa no mu antwa.

4 Sɛ ɔkyerɛwfo no nsa ka NSƐMMA NHOMAKRA A ƐREWU HO SANKƆHWƐ KRATASIN no a, ɛsɛ sɛ ɔkyekyɛ ma adawurubɔfo a wɔn nsa kaa saa nsɛmma nhomakra no na wɔkɔ wɔn nkyɛn ma wɔsan kra. Ɛsɛ sɛ nkratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma no mmiako mmiako wɔ ne kyerɛwtohɔ mu a ɛbɛkyerɛ ɔdawurubɔfo a ɔmaa onii krae no.

5 Sɛ obi san toa ne nsɛmma nhoma a ɔkra no so a, yɛpɛ sɛ mode NSƐMMA NHOMAKRA A ƐREWU HO SANKƆHWƐ KRATASIN, sɛ ebia mode nea Asafo ti de manaa mo asafo no anaa nea wɔde kɔmaa nsɛmma nhoma krafo no, di dwuma mmom sen sɛ mode nsɛmma nhomakra kratasin a yɛde di dwuma daa no bɛyɛ saa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ saa nkratasin abien no nkutoo na ekura nsɛm bi a yehia na yɛde adi nsɛmma nhoma a ɛrewu no ho dwuma. Ne saa nti nso, ɛnsɛ sɛ mode NSƐMMA NHOMAKRA A ƐREWU HO SANKƆHWƐ KRATASIN no hyehyɛ nsɛmma nhomakra ma onipa foforo biara sen onii a wɔde manaa no anaasɛ ne nti wɔde manae no. Eyi haw adwene pii na ɛsɛe bere wɔ dwumadibea ha. Yɛsrɛ mo, monhwɛ sɛ morenyɛ saa.

6 Sɛnea ɛbɛyɛ na biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ no, yɛhyɛ nkuran denneennen sɛ momfa nsɛmma nhoma a wɔkra nyinaa, nea ɛyɛ foforo ne nea wɔresan atoa so, no nyinaa mmrɛ Asafo ti no DENAM ASAFO A ƐWƆ KUROM HƆ NO SO, a ɛnyɛ nea wɔde mana nkorɛnkorɛ.

7 Yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ nkuran bio sɛ Yehowa Adansefo mmusua horow nhyɛ da nkra nsɛmma nhoma no bi. Mpɛn pii no sɛ nnipa nkorɛnkorɛ, awofo ne mma, nsa ka nsɛmma nhoma no wɔ wɔn amanade adaka mu a, ɛma wɔn ani gye nsɛmma nhoma no ho kɛse. Ɛhyɛ obiara nkuran ma ɔkenkan na osua nsɛm ahorow fɛfɛ a epue wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no biara mu no! Yɛwɔ anidaso sɛ mmusua horow pii besusuw saa asɛm yi ho yiye. Yɛwɔ anidaso nso sɛ mubenya pii wɔ mprempren nsɛmma nhomakra ɔsatu no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena