Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: January: Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra. February, April ne May: You Can Live Forever in Paradise on Earth ¢20. March: Happiness—How to Find It anaa Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Ewe ne Twi mu, ¢5
● Nkaedi ne Ɔkasa Titiriw: Afe yi Nkaedi no si Benada, March 29, bere a owia akɔtɔ. Ɔkasa titiriw no asɛmti ne: “Nyamesom Atemmu Bere” na wɔbɛma no Kwasida, April 10. Asafo ahorow a wɔnyɛ wɔn baguam nhyiam Kwasida no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi April 10 akyi no mu, ɛnyɛ nea edi ɛno anim no mu.
● Sɛnea yɛyɛ no no, yebenya nsa ano krataa biako a yɛde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi ne ɔkasa titiriw no ase. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow kra eyi MPREMPREN. Ɛsɛ sɛ wɔkra no 100 mu. 100 yɛ ¢2.40. Ɛho nhia sɛ mode sika ka krataa a mode rekra no ho. Krataa a mode rekra no betumi adi kan aba. Mobetumi de ne sika aka nhoma sika a mode bɛmana ɛno akyi no ho. Wɔde ne sika no bɛtew mo nhoma ka no so. Sɛ yɛde nkratawa no mana mo a, yɛde bɛka mo ka a mode no ho sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ ɛsono eyi kakra wɔ kan “Nneɛma a Wɔde Sika Ka ho Kra” nhyehyɛe no ho.
● Na wo tirim a woabɔ sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo March ne April mu no nso ɛ? Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ wo nhyehyɛe ahorow yiye—honam fam adwuma, ahokafo, abusua, ne ade. Mpanyimfo, monhyɛ akwampaefo boafo adwuma ho nkuran wɔ asafo no mu.
● Yɛsrɛ akyerɛwfo a wɔwɔ asafo ahorow a wɔawie wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ no sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi ho amanneɛbɔ titiriw no bɛbrɛ Asafo ntɛm ara, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.
● JANUARY MU ƆMANSIN NHYIAM HOROW:
January 1, 2: Ɔmansin 3C wɔ Nungua
January 8, 9: Ɔmansin 18 wɔ Cape Coast
January 8, 9: Ɔmansin 2A wɔ Nungua
January 15, 16: Ɔmansin 13 wo Akim Oda
January 15, 16: Ɔmansin 3B wɔ Nungua
January 22, 23: Ɔmansin 9 wɔ Jejeti
January 22, 23: Ɔmansin 2B wɔ Nungua
January 29, 30: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua
January 29, 30: Ɔmansin 1 wɔ Nungua
● Sɛnea wɔdaa no adi wɔ September, 1982, Yɛn Ahenni Som mu (kratafa 5) no, wɔ ne nsrahwɛ a edi hɔ a ebefi ase February, 1983 mu no, ɔmansin sohwɛfo no begye bere wɔ ɔsom adwuma sohwɛfo no ho, aboa no ma wate n’adwuma no ase na wayɛ no yiye.
● Ɛda adi sɛ nnipa binom retɔ Asafo cassette ahorow no a ɛnyɛ Bible mu nsɛm a wɔakyere agu so no nti, na mmom cassette no. Eyinom popa nea wɔakyere agu so dedaw no na wɔde nnwom a wɔpɛ—nea mpɛn pii ɛsɛe abrabɔ pa—gu so. Ɛnyɛ atirimpɔw nti a yɛkraa cassette ahorow no nen. Enti ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo hwɛ yiye wɔ sɛnea wɔde ma ne nnipa a wɔde ma wɔn no ho.
● Yɛn ani begye ho kɛse sɛ efi saa bere yi rekɔ asafo mu adawurubɔfo ne akwampaefo bɛkra nneɛma a wohia nyinaa, a nsɛm ahorow a wɔakyere agu hama so ka no, afa wɔn asafo ahorow no so. Mmom, yɛn ani gye sɛ yɛbɛma nnipa a wɔba ha no nneɛma a wohia.
● YENNI NHOMA AHOROW YI BI WƆ HƆ
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Borɔfo
“Ahenni Ho Asɛmpa Yi”
Borɔfo, Twi
Onyankopɔn Kwan Yɛ Ɔdɔ
Borɔfo, Twi
“Hwɛ Meyɛ Ade Nyinaa Foforo”
Borɔfo, Twi