Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Trinidad bɔɔ amanneɛ sɛ wɔn adawurubɔfo no ɔha biara mu 52 yɛɛ akwampaefo boafo adwuma April mu. Wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛne 3,627 a eyinom mu 132 resom sɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo atitiriw.
◆ Wɔ April mu no, Kenya nyaa adwurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛne 2,905. Bɛboro eyinom mu ɔha biara mu 28 wɔ bere nyinaa som adwuma no mu.
◆ Ghana buu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛne 23,261 ho akontaa May mu. Wɔ sika fam ahokyere ahorow nyinaa akyi no, daa akwampaefo no dodow da so ara rekɔ anim. Adawurubɔfo pii nso de wɔn ho rehyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu.
◆ Chile adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a ɛne 20,292 wɔ April mu no yɛ afe a etwaam de no ɔha mu nkɔanim 19. Wɔbɔɔ dodow a ɛsen biara wɔ nnɔnhwerew, sankɔhwɛ. akwampaefo ne Bible adesua mu ho amanneɛ nso na wɔyɛɛ Bible adesua ahorow 24,551 wɔ ɔsram no mu.