Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ September Mu?
Adawurubɔfo 22,304 a wɔkɔɔ asɛnka no yɛ dodow nkɔanim a ɛboro afe a etwaam de no so ɔha biara mu biako. Wɔn a na wɔka ho ne daa akwampaefo 1,204 ne akwampaefo aboafo 1,083. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 10.7 kaa asɛm. Eyi ye. Monkɔ so saa ara na monyɛ adwuma mma nkɔso mmra.