Nkaebɔ Ahorow
Nhoma a yɛde bɛma July: “Let Your Kingdom Come” wɔ Engiresi mu ne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye wɔ Twi mu. August ne September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm.
Ɛdefi dapɛn a efi ase September 2, 1984 no so no, wobesua Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no wɔ asafo nhoma adesua horow nyinaa ase.
Wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no ase no, drama ahorow no biako bɛyɛ nea ɛfa asɛm a ɛwɔ Yosua ti 6-8 no ho. Wɔhyɛ nyansa sɛ obiara nni kan nkenkan ti ahorow yi.
Asafo ahorow binom da so ara wɔ nhoma ne nhomawa ahorow dedaw a wotintimii ansa na 1957 reba no bi wɔ hɔ. Esiane sɛ wɔrensan ntintim nhoma ahorow yi bi bio nti, wɔhyɛ ankorankoro a wɔwɔ asafo ahorow yi mu nkuran sɛ wɔntɔ bi nto hɔ ansa na asa.
Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no bɛkɔ so wɔ ɔmantam nhyiam dapɛn no mu. Nanso, mubetumi akyɛ nea wobesua saa dapɛn no mu no mu abien na moasua ɔfã a edi kan no aka nea mubesua dapɛn a edi nhyiam no anim no ho na mode fã a ɛbɛka no aka dapɛn a edi hɔ de no ho. Sɛ ɛho hia a, mubetumi ayɛ adesua ahorow abien yi a monkenkan nkyekyem no.