Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ April Mu?
Ɛyɛ nkɔanim! nkɔanim! dodow nkɔanim a ɛsen biara! Dodow nkɔanim a ɛsen biara wɔ adawurubɔfo, akwampaefo aboafo, sankɔhwɛ ne Bible adesua mu. Dodow a wɔbaa Nkaedi afe no nso yɛ nea ɛsen biara, nea edi kan a yɛatwam wɔ 100,000 botae no ho. Yehowa rema nkɔso aba de ama Yesaia 60:22 anya mmamu na moreya kyɛfa wɔ adwuma kɛse yi mu. Monkɔ so, anuanom!