Yɛda Mo Ase Pii
1 Aboro asram asia ni a Asafo ti no kyerɛw asafo ahorow no nyinaa wɔ hia a sika ho hia na wɔde asi Betel Foforo no wɔ Nungua no ho. Yɛhyɛɛ ankorankoro nkuran sɛ womfi koma nyinaa mu mmoa adwuma no. Afei nso Asafo ti no bisaa bosea a efi ¢500 rekɔ a anyɛ yiye koraa no ebedi asram asia ansa na nea ɔde mae no ahia sika no. Dɛn na wɔayɛ wɔ ho?
2 Mprempren, yenya ntoboa ¢41,000 ɔsram biara, na nnipa 122 abɔ Asafo ti no bosea a ne dodow yɛ ¢1,008,000. Yɛpɛ sɛ yɛda koma mu anisɔ adi kyerɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔaboa yi nyinaa na yɛka kyerɛ mo sɛ, Yɛda Mo Ase Pii.
3 Yɛanya bosea no bi a ebedi asram asia anaa nea ɛboro saa mprempren. Kakraa bi kyerɛe sɛ wobehia sika no bere a wɔde ama yɛn no akyi asram asia. Saafo a wɔn sika no adi bere tenten a ɛte saa wɔ yɛn nkyɛn no betumi akyerɛw yɛn bere biara mprempren akyerɛ sɛ yɛnsan mfa wɔn sika no mmrɛ wɔn. Sɛ woankyerɛw yɛn a, ɛnde yɛbɛfa no sɛ wunhia sika no mprempren, ne sɛ ɛwom sɛ adi asram asia anaa nea ɛboro saa wɔ yɛn nkyɛn de, nanso ɛyɛ wo pɛ sɛ yɛde bɛyɛ adwuma kakra ansa.
4 Sɛ wususuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔdan no ho ka a wɔbɔ boro sidi ɔpepem biako ɔsram biara, ne sɛ aka bɛyɛ mfe abien bio no ho a, ɛda adi sɛ ahiade no da so ara yɛ kɛse paa. Yɛwɔ anidaso sɛ nnipa pii bio betumi ayi ntoboa wɔ adwuma no ho, ne sɛ afoforo pii nso bɛbɔ yɛn bosea sɛnea ɛho nhyehyɛe no te no. Yennye nni sɛ adawurubɔfo 25,000 a wɔwɔ Ghana no mu 122 pɛ na wɔwɔ ¢500 anaa nea ɛboro saa a wɔde bɛbɔ Asafo ti no bosea. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ wo ne mo ɔhwɛfo guamtrani no nka bosea nhyehyɛe no ho asɛm. Afei ma yɛnte wo nka wɔ bere a ɛfata mu. Yefi yɛn koma nyinaa mu ka bio sɛ, Yɛda Mo Ase Pii.