Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma March: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra afe biako de agye ¢160. Asram asia a wɔkra (nea ɛba ɔsram-fa no nkutoo) ne nea ɛba ɔsram biara no afe nkrabo yɛ ¢80. Yebetumi ama wɔakra Nyan! nso wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Yebetumi ama wɔakra n’abien nyinaa a ɛyɛ ¢320. Sɛ wɔankra a, yɛde The Divine time That Will Endure Forever, Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa, anaa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century no bɛma a nsɛmma nhoma biako ka ho de agye ¢20, anaa emu biako ne nsɛmma nhoma abien de agye ¢28. April: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So.
● NKAEDI: Afe 1985 Nkaedi no besi Yawda, April 4, 1985, bere a owia akɔtɔ. Mubetumi de 1983 Nkaedi ɔkasa no adi dwuma bio, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ asafo nhyiam foforo biara saa da no. Wɔanyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe biara amma March31 dapɛn no, na wɔhyɛ nyansa sɛ asafo ahorow ntwa Teokrase Ɔsom Sukuu nhyehyɛe ma saa dapɛn no mu. Eyi bɛma obiara anya hokwan de n’adwene asi Nkaedi no so titiriw. Mubetumi ayɛ Asafo Nhoma Adesua saa dapɛn no. Afe 1986 Nkaedi no besi Dwoda, March 24. Afe 1987 Nkaedi no besi Kwasida, April 12.
● NKAEDI BOBESA: Nkaedi Bobesa no bi wɔ Betel ha. Asafo ahorow a wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam efi saa bere yi kosi March 31 no nsa betumi aka Nkaedi Bobesa no bi wɔ ɔmansin nhyiam no ase wɔ ɔmantam sohwɛfo no hɔ. Asafo afoforo a aka no nyinaa betumi abɛtɔ bi wɔ Betel ha. Coca Cola toaa biako yɛ ¢25. Momfa toaa a emu tew a ɛwɔ ntuaano pa mmra.
● NKAEDI HO AKONTAABU: Akyerɛwfo, yɛsrɛ mo, monhwɛ sɛ mode Nkaedi ho Akontaabu a moahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no bɛmana Asafo ti no a mo asafo no asɛnka adwuma akontaabu ma March ka ho ansa na April 6 adu. Sɛ asafo ahorow abien anaa nea ɛboro saa bom ma Nkaedi no a, akontaabu biako pɛ na ɛsɛ sɛ wɔde ba, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw asafo ahorow a wɔka boom no nyinaa din wɔ so. Afei nso monkyerɛw wɔn a wodii bi nyinaa din. Yɛn ani begye ho nso sɛ mode krataa tiawa bi bɛka ho de akyerɛkyerɛ mu bere a eyi ne nea edi kan a nnipa bi redi bi no. Yɛsrɛ mo, monhwɛ February 1, 1976 Ɔwɛn-Aban mu, kratafa 30 na moanya nsɛm a ɛfa wɔn a wɔfata ankasa sɛ wɔkan wɔn sɛ wodi bi ho no.
● ƆKASA TITIRIW: Afe yi ɔkasa titiriw no asɛmti bɛyɛ “Asɛmpa wɔ Basabasayɛ Wiase Mu.” Wɔde ɔkasa no bi bɛkɔ akɔma asafo biara. Ɛsɛ sɛ wɔma no Kwasida, April 14, 1985. Eyi akyi no, wɔde bɛka asafo no Baguam Nhyiam kasa ahorow no ho sɛ nea ɛto so 85. Asafo ahorow a wɔnnyɛ wɔn Baguam Nhyiam Kwasida no betumi ayɛ ɔkasa titiriw yi ho nhyehyɛe bere biara a edi April 14, 1985 akyi mu. Asafo ahorow a wɔrekɔ ɔmansin nhyiam anaa ɔmansin sohwɛfo abɛsra wɔn saa da no nso betumi ama ɔkasa no dapɛn a edi April 14, 1985 akyi no mu.
● ASAFO SIKA AKONTAABU: Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo sika akontaabu mu March 1, anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muhu ka bi wom a, monhwehwɛ nea ɛma ɛbaa saa, na munhu nea mobɛyɛ de adi tebea no ho dwuma.—Monhwɛ yɛn krataa BS December 1, 1984 no mu.
● Sɛ morekenkan adekyee mu asɛm ma October 21 ne November 19 wɔ 1985 Afe Nhoma no mu a mubehu sɛ ne nyinaa yɛ asɛm koro no ara. Ɛho nhia sɛ mobɛkyerɛw Asafo ti no wɔ eyi ho.
● Wɔremmue Betel Wukuda, March 6, esiane ɔman dapɔnna a wɔahyɛ sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no nti. Yɛsrɛ mo mommma ha.
● So moakyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa no so dedaw? Sɛ monyɛɛ saa a, yɛsrɛ mo, monyɛ saa mprempren. Asɛm no ne: “Wie Wo Som No Koraa.”—2 Tim. 4:5.
● Yɛsrɛ asafo ahorow a wɔawie asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ no sɛ wɔmfa ho amanneɛbɔ titiriw no mmana Asafo ti no ntɛm ara, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.
● Ɔmansin nhyiam horow:
March 2, 3: Ɔmansin 7 wɔ Mampong Ashanti
March 9, 10: Wɔrenyɛ nhyiam biara
March 16, 17: Ɔmansin 4 wɔ Ho
March 16, 17: Ɔmansin 8 wɔ Sunyani
March 23, 24: Ɔmansin 2-A wɔ Nungua
March 30, 31: Ɔmansin 20 wɔ Awaso
March 30, 31: Ɔmansin 19 wɔ Nungua
● Nhoma a ebi aba bio: Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa (Ga) Defending and Legally Establishing the Good News (Engiresi) “Hwɛ Meyɛ Ade Nyinaa Foforo” (Engiresi) Awake! Binder (Engiresi) Watchtower Binder (Engiresi)
● Yɛwɔ nhoma dedaw horow yi bi nso wɔ hɔ: Daa Nkwa—Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu (Twi) “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni Mu Atoro” (Twi ne Ga) “Wopɛ Nyɛ Asase So” (Twi) Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No (Ga) “Ahenni Ho Asɛmpa Yi” (Ga) Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn—So Wɔbɛn Yɛn? anaa Wodi Yɛn Awu?
● Nhoma Foforo a Aba: Watchtower Publications Index 1983 (Engiresi)
● Nhoma a ebi nni hɔ: Bible Mu Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ (Twi ne Ewe) Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa (Ewe ne French) Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No (Twi) So Onyankopɔn bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho? (Engiresi)
● Nnwom Nhoma Nketewa no bi nni hɔ. Nanso, yɛda so ara wɔ akɛse no bi wɔ hɔ a mo nsa betumi aka bi.
● Yɛwɔ 1985 Afe Nhoma ne Kalenda no kakra wɔ hɔ. Monkra kakra a mubehia aka ho no ntɛm ara.