Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/85 kr. 4
  • Nhoma Abien Ɔsatu Titiriw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma Abien Ɔsatu Titiriw
  • Yɛn Ahenni Som—1985
Yɛn Ahenni Som—1985
km 4/85 kr. 4

Nhoma Abien Ɔsatu Titiriw

1 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ wɔ nhoma ahorow a ekura nkratafa 384 ɔsatu titiriw a ɛrebɛkɔ so wɔ May ne June, 1985 mu no ho. Asram abien yi mu no, yebetumi de nhoma yi mu abien wɔ ɔkasa biara mu ama de agye ¢60. Yɛbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ ofiewuranom sɛ nhoma no biako bo ankasa yɛ ¢60 nanso ɔsatu titiriw bi rekɔ so a ɛbɛkɔ akosi June 30. Enkosi June 30, ne bere dodow a ebi wɔ hɔ no wɔn nsa betumi aka abien a ɛyɛ ¢60. Sɛ wɔpɛ sɛ wogye biako pɛ a, ɛnde ne bo a wɔatew so no bɛyɛ ¢40.

2 Yɛwɔ Onynkopɔn Ntumi Nni Atoro, Daa Nkwa ne Wopɛ Nyɛ Asase So nhoma no kakraa bi wɔ Twi mu wɔ Baa Dwumadibea ha. Yɛwɔ Onynkopɔn Ntumi Nni Atoro no kakraa bi nso wɔ Ga mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wohia bi, no de nea wɔpɛ sɛ wɔkra no ba Betel ha na wobegye kɔ esiane sɛ bere no ayɛ tiaa nti. Nanso Literature Inventory a efi asafo ahorow mu kyerɛ sɛ asafo ahorow pii wɔ nhoma akɛse yi bi wɔ hɔ. Enti yɛhyɛ nyansa sɛ asafo ahorow a wɔne wɔn ho bemmɛn no nni nkitaho na wɔanya bi afi hɔ ama ɔsatu titiriw yi.

3 Sɛ wɔde asafo no sika remana wɔ May ne June awiei a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ sɛ nhoma a ekura nkratafa 384 wɔ kasa horow nyinaa mu a adawurubɔfo ne akwampaefo gyee no ¢30 maa ɔsatu yi no yɛ nea wɔakyerɛ ne dodow no wɔ S-20 no so wɔ faako a wɔakyerɛw hɔ sɛ: “Regular-size books such as Man’s Salvation, etc.” no anim. Esiane sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa begye nhoma yi wɔ bo koro so nti, Asafo ti no betumi atew ne nyinaa afi mo ka so a ɛnyɛ den.

4 Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ ɔsatu no fi ase May 1 na ɛba awiei June 30. Ebedu June 30 akyi na nhoma no bi wɔ hɔ a wɔmmfa mmae a, wɔbɛsan de agye bo dedaw a ɛyɛ ¢60 no. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ akyerɛwfo hwɛ sɛ wobebisa ma wɔatew nhoma a wɔde mae wɔ ɔsatu titiriw yi mu no afi wɔn ka so wɔ July mu bere a wɔde June sika reba no. July akyi no Asafo ti no rentew biribiara a ɛte saa mfi wɔn ka so gye sɛ nea daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw agye no nko.

5 Yegye di sɛ mo nyinaa de mo ho bɛhyɛ ɔsatu titiriw yi mu nnam so ne sɛ mode nhoma akɛse nyinaa a Know Jehovah, God’s Kingdom of a Thousand Years, Paradise Restored, ne ade, no ka ho no bɛma. Yɛwɔ anidaso nso sɛ mubehyia anigyefo ankasa na moayɛ sankɔhwɛ ahorow a ɛsow aba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena