Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ June Mu?
Yenyaa nnɔnhwerew, sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua a ɛkɔ anim. Adawurubɔ dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 27,730 no mu 26,495 kɔɔ asɛnka wɔ June mu. Daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo redɔɔso yiye. Daa akwampaefo no dodow yɛ 1,966 na akwampaefo aboafo no nso yɛ 1,044 wɔ June mu. So wubetumi aka wɔn ho? Fa wo akontaabu ma bere nyinaa. Kyekyɛ nsɛmma nhoma pii.