Fa Creation Nhoma Foforo Ne Kratawa Foforo Di Dwuma September Mu
Wɔ September mu no, yɛde nhoma foforo a ɛne Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation no bɛma. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akyekyɛ pii no, ebia adawurubɔfo pii bɛpɛ sɛ wɔde ma tẽẽ denam kratawa foforo a ɛne Kingdom News No. 33 a wɔde bedi dwuma na wɔde nhoma no akyerɛ no so.
Bere a woakyia na woada wo ho adi akyi no, fa kratawa no kyerɛ na ka asɛm tiawa bi a wususuw sɛ ɛbɛkanyan onipa no anigye. Afei fa nhoma no ma gye ntoboa ¢150. Sɛ onipa no annye nhoma no na ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase kenkan kratawa no a, wubetumi de akyɛ no. Anaasɛ wubetumi agyaw bi wɔ ofi a obiara nnim mu.
Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma adawurubɔfo a wɔn ho nkokwawee kɛse ne mmofra sɛ wɔde Ɔwɛn-Aban nhoma no bɛma wɔ afie afie mu. Eyi nso bɛyɛ bere pa a ɛsɛ sɛ wɔto nsa, frɛ afoforofo a wɔfata ma wofi asɛnka ase na wɔn nso de nhoma foforo fɛfɛ yi ama. Hwɛ nso sɛ wobɛkɔ so de ama bɔnnɔ so wɔ bere biara a ɛfata mu.