Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/86 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1986
Yɛn Ahenni Som—1986
km 1/86 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma ne nhomawa biara a ayɛ dedaw anaa ɛdɔɔso wɔ mo asafo mu a mode bɛma de agye bo a ɛwɔ Cost List mu no. Momfa mo adwene nsi Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ​—Ɛhe Na Efi? so, sɛ mowɔ bi a. February ne March: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra de agye ntoboa ¢240. Sɛ wɔankra a yɛde nsɛmma nhoma abien ne The Government that will Bring Paradise nhomawa no biako bɛma de agye ¢40.

● Hyehyɛ Medical Alert kratasin foforo MPREMPREN ARA!

● Nkaedi no si Dwoda March 24, bere a owia akɔtɔ. Wɔrenyɛ asafo nhyiam foforo biara saa da no. Mumfi ase nsiesie mo ho mprempren ara. So ɛho hia sɛ wɔde aduru foforo ka mo Ahenni Asa no so? So ɛho hia sɛ musiesie hɔ nyinaa? Munsusuw eyinom ne nneɛma afoforo biara a ɛbɛma Nkaedi no ayɛ nea nidi wom ho.

● Afe yi baguam ɔkasa titiriw no ti ne “Wiase a Ahotɔ Nnim​—So Ano Aduru Wɔ Hɔ?” Wɔbɛma no Kwasida, March 9, 1986. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a ɔmansin sohwɛfo wɔ wɔn nkyɛn, wɔn a wɔrekɔ ɔmansin nhyiam saa bere no ne wɔn a wɔnnyɛ wɔn nhyiam Kwasida no ma ɔkasa titiriw yi wɔ March 9 akyi. Ɛnsɛ sɛ wɔma ɔkasa yi ansa na March adu.

● Yɛrehyɛ akwampae adwuma a wɔbɛyɛ no bere tenten wɔ nkaedi bere no mu ho nkuran. Ɛbɛyɛ anigye sɛ wubefi akwampaefo boafo adwuma ase February na afei wode March, April ne ebia May atoa so. Yɛ ho nhyehyɛe mprempren ara.

Afe asɛm ma 1986 ne “Kɔ . . . kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!”​—Luka 9:60. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw eyi bɔ Ahenni Asa nyinaa so bɛyɛ January 1, 1986.

● ƆMANSIN NHYIAM AHOROW:

Jan. 4, 5: Wɔrenyɛ nhyiam biara.

Jan. 11, 12: Ɔmansin 13 wɔ Oda

Jan. 11, 12: Ɔmansin 3-A wɔ Somanya

Jan. 18, 19: Ɔmansin 9 wɔ Jejeti

Jan. 18, 19: Ɔmansin 21 wɔ Bechem

Jan. 25, 26: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua

● Ɛnyɛ nea ɛho hia bere nyinaa sɛ wobesusuw Daa Asɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu no ho wɔ Asɛnka Nhyiam ase, titiriw bere a ɛmfa asɛnka adwuma ho no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ nhyiam yi so no yɛ eyi wɔ bere a wɔahyɛ ho nyansa a ɛyɛ simma 10 kosi 15 no mu na wɔhwɛ ma adawurubɔfo kɔ asasesin no mu ntɛm.​—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, May, 1979. kratafa 3.

● Abɛda adi sɛ asafo ahorow pii de nhoma ne nsɛmma nhoma bebree afiri adawurubɔfo ne akwampaefo. Eyi nye! Wɔmmfa nhoma anaa nsɛmma nhoma mfiri akwampaefo, efisɛ wɔde ma wɔn wɔ bo a wɔatew so so. Ɛnsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma firi adawurubɔfo. Nanso, wobetumi de nhoma biako pɛ afiri ɔdawurubɔfo wɔ bere koro mu bere a ɔde rekɔ asɛnka no a ntease no ne sɛ wɔremfa foforo mfiri no kosi sɛ ɔde ɛno bɛma na wabetua ka. Wɔ eyi mu no. ɛsɛ sɛ wɔde Publishers Credit kratasin (S-23) no di dwuma de bu ho akontaa yiye. Nhoma a obi ankasa rekosua yɛ nea wɔmmfa mmfiri. Hwɛ Asafo ti krataa CS:JA July 5 1984 no mu na woanya nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea wonya sika de tɔ nsɛmma nhoma kɔ asɛnka ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena