Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma February ne March: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra de agye ntoboa ¢240. Sɛ wɔankra a yɛde nsɛmma nhoma abien ne The Government That Will Bring Paradise nhomawa no biako bɛma de agye ¢40. April ne May: True Peace and Security—How Can You Find It?
● Baguam ɔkasa a ɔmansin so ahwɛfo mae nnansa yi a ɛne “Mpaebɔ a Onyankopɔn Tie” no bɛba abɛyɛ baguam ɔkasa ahorow a yɛma daa no nea ɛto so 86. Yɛde bi bɛmana asafo ahorow no na wɔde ama wɔn a wɔma baguam ɔkasa ahorow wɔ asafo no mu no wɔ April 1, 1986 akyi.
● Sɛnea yɛabɔ amanneɛ dedaw no, wɔbɛma afe yi baguam ɔkasa titiriw no March 9, de adi Nkaedi no anim. Nkaedi no si Dwoda, March 24. Yɛde Nkaedi no ho ɔkasa a wɔayɛ nsakrae wom ne baguam ɔkasa titiriw no amana asafo ahorow no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe pa ma nhyiam ahorow abien a ɛho hia yi.
● Wɔ ɔmansin so ahwɛfo nsrahwɛ a edi hɔ a efi ase wɔ March mu no mu no, wɔne anuanom a wɔhwe sika so ne wɔn aboafo bɛbom ayɛ adwuma sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ December 1985 Yɛn Ahenni Som mu no.