Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/87 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1987
Yɛn Ahenni Som—1987
km 3/87 kr. 7

Asemmisa Afã

● So ɛfata sɛ mobɛto nnwom anaa mobɛbɔ Ahenni nnwom kasɛt anan mpaawa bere a wɔde Nkaedi abodoo ne bobesa no refa nnipa no anim no? Afei nso, sɛ wɔde refa nnipa no anim a, so nea ɔreyɛ saa no betumi aso mu na ɔde afa nnipa no anim?

● Wɔ Nkaedi no ase no, ɛho nhia sɛ wɔbɛbɔ nnwom bere a wɔde nneɛma no fa nnipa no anim no. Ɛnyɛ nea ɛfata nso sɛ asafo no bɛto nnwom wɔ nnwom nhoma no mu bere a wɔde nneɛma no refa nnipa no anim no. Ɛsɛ sɛ akasafo ne wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe ahorow no di akwankyerɛ a ɛwɔ Nkaedi ɔkasa kratasin no so no akyi a wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔde biribi foforo bi anaa wɔn ankasa adwene bɛka ho.

● Sɛ ɔkasafo no pɛ sɛ ɔyɛ dinn bere a wɔde nneɛma no refa nnipa no anim no a, eye, na eyi bɛma wɔn wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa atumi asusuw nea nneɛma no kyerɛ no ho. Nanso ɔkasafo no betumi aka nsɛm ahorow a ɛfata a ɛfa nea abodoo ne bobesa no kyerɛ ho anaasɛ obetumi akenkan Bible no afã horow bi a ɛfata, te sɛ Yohane 6:35-58, 66-69, bere a wɔde abodoo no refa nnipa no anim no, ne Hebrifo 9:11-26 bere a wɔde bobesa no refa wɔn anim no.

● Ɛdefa abodoo ne bobesa no a wɔde fa nnipa no anim ankasa ho no, adeyɛ a ɛne sɛ wɔma obi som de fa nnipa a wɔtete hɔ no anim no yɛ nea yɛrenkamfo nkyerɛ. Eye sɛ wɔbɛma nnipa baanu agyina nkongua no ti ne ti na nea odi kan no de ahyɛ onipa a odi kan a ɔte hɔ no nsam na ɔno nso de ama nea odi hɔ no akosi sɛ ebedu nea otua to no so na ɔde ama nea ogyina hɔ regye no na wasan de ama akongua a edi hɔ no sofo. Eyi bɛma obiara atumi aso nkae ade no mu na wasusuw asɛyɛde a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne hokwan a ɔwɔ sɛ odi bi anaasɛ dabi no ho sɛnea anidaso a ɔwɔ no te.

● Ɛdefa mmofra nkumaa ho no, wɔn awofo betumi agye nkae ade no na wɔabɔ atra wɔn de ama ɔpanyin a odi hɔ no. Sɛ mmofra nkumaa pii sa so wɔ akongua bi so a, ebia ɛbɛyɛ den ama ɔwofo no sɛ ɔde bɛma ɔpanyin a odi hɔ no, na wɔ eyi mu no, wɔn a wogyina hɔ regye no biako betumi aboa. Nanso, sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no de ma onipa a odi hɔ a wanyin sɛnea ɛsɛ a ɔno ankasa betumi asi gyinae wɔ asɛm yi mu.

● Bere a wɔde ama asafo no nyinaa awie no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde bɛma wɔn a wɔhwɛ ma wɔyɛɛ saa no nso. Ɛsɛ sɛ wɔde abodoo ne bobesa no fa wɔn mu biara anim ma wɔn mu biara som ansa na ɔde ama nea odi hɔ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena